Yesaia57twi_aka
1Atreneefo wu,na obiara nnwen ho wɔ ne koma mu;wɔfa nyamesurofo kɔ,na obiara nte asesɛ wɔfa atreneefo kɔsɛnea wobeyi wɔn afi bɔne mu.2Wɔn a wɔnantew tee nowɔhyɛn asomdwoe mu;wonya ahomegye bere a wɔadeda sɛ awufo.3“Nanso mo, mommra ha, mo ɔbayifo mma,mo nguaman ne mmea nguamanfo mma!4Hena na moreserew no?Hena na moredi ne ho fɛwna morebɔ no adapaa yi?Monnyɛ atuatewfo fekuwne atorofo asefo ana?5Mode ɔpɛ mmoroso bɔ afɔre wɔ adum mune dua biara a adennan ase;mode mo mma bɔ afɔre wɔ aku a mu dɔ mune abotan mpaapae ase.6Anyame a wɔyɛ abo trontrom, a ɛwɔ aku a mu dɔ mu no,wɔyɛ mo kyɛfa. Wɔn na mopɛ.Yiw, moahwie nsa afɔrebɔde agu wɔn sona mode aduan afɔrebɔde ama wɔn.Eyinom nyinaa akyi, mingow me nsam ana?7Moasiesie mo nnabea wɔ koko a ɛkorɔn so;ɛhɔ na mokɔ kɔbɔ afɔre.8Mo apon ne apongua akyina mo de mo abosonsom nsɛsode asisi.Mufii mʼakyi koyii mo mpa so ntama,mokɔdaa so na motrɛw mu;mo ne wɔn a modɔ wɔn mpa yɛɛ apam,na mohwɛɛ wɔn adagyaw mu.9Mode ngo kɔɔ Molek nkyɛnna momaa mo nnuhuam dɔɔso.Mosomaa mo ananmusifo kɔɔ akyirikyiri;mosian kɔɔ ɔda mu ankasa!10Mo nneyɛe maa mo ɔbrɛ,nanso moanka da se, ‘Yenni anidaso.’Mopɛɛ ahoɔden foforoenti moantɔ piti.11“Hena na wama mo koma atu na wabɔ mo hu sɛɛa enti moanni me nokware,na moankae meanaa moannwene eyi ho wɔ mo koma mu yi?So ɛnyɛ komm a mayɛ akyɛ no ntina munsuro me no ana?12Mɛda mo trenee ne mo nnwuma adi,na so remma mo mfaso.13Sɛ moteɛ mu pɛ mmoa a,momma mo ahoni a moaboa ano no nnye mo!Mframa bɛbɔ wɔn nyinaa akɔ,home kɛkɛ bɛfa wɔn.Nanso onipa a ɔde me yɛ ne guankɔbea nobedi asase no sona wafa me bepɔw kronkron no.”