Yesaia55twi_aka

Osukɔm Ho Ɔfrɛ

1“Mommra, mo a osukɔm de mo nyinaa,mommra nsu no ho;na mo a munni sika,mommra mmɛtɔ na munni!Mommra mmɛtɔ nsa ne nufusua munntua hwee.2Adɛn nti na mosɛe sika wɔ nea ɛnyɛ aduan hone mo ahoɔden wɔ nea ɛmmee ho?Muntie, muntie me na munni nea eye,na mo kra ani begye nnepa a ɛwɔ akatua pa ho.3Monyɛ aso, na mommra me nkyɛn;muntie me, na mo kra anya nkwa.Me ne mo bɛyɛ apam a ɛte hɔ daa,me dɔ a to ntwa da a mede hyɛɛ Dawid bɔ no.4Hwɛ, mede no ayɛ adansedi ama nnipa no,wɔn kannifo ne ɔsahene.5Ampa ara mobɛfrɛ aman a munnim wɔn,na aman a munnim no bɛyɛ ntɛm aba mo nkyɛn,Awurade, mo Nyankopɔn nti,Israel Ɔkronkronni no,efisɛ wahyɛ mo anuonyam.”
6Monhwehwɛ Awurade bere a mubehu no.Momfrɛ no bere a ɔbɛn.7Ma omumɔyɛfo ntwe ne ho mfi nʼakwan hona ɔbɔnefo nso mfi ne nsusuwii ho.Ma ɔnnan nkɔ Awurade nkyɛn, na obehu no mmɔbɔ,ɔnnan nkɔ yɛn Nyankopɔn nkyɛn, na ɔde ne ho bɛkyɛ no.
8“Na mʼadwene nyɛ mo adwene,na mo akwan nso nyɛ mʼakwan,”sɛnea Awurade se ni.9Sɛnea ɔsoro korɔn sen asase no,saa ara na mʼakwan korɔn sen mo akwanna mʼadwene nso korɔn sen mo adwene.10Sɛnea osu ne sukyerɛmmatɔ fi soro gu fam,na wɔnnsan nkɔ hɔ biowɔ bere a ɛmfɔw asasemma enguu nhwiren mpaee,sɛnea ɛbɛsow aba ama ogufo ne aduan ama odifo no,11saa ara na mʼasɛm a efi mʼanom no te:Ɛrensan mma me nkyɛn kwa.Mmom ɛbɛyɛ nea mepɛna awie botae a ɛno nti mesomaa no.12Mode ahosɛpɛw bepuena wɔagya mo kwan asomdwoe mu;mmepɔw ne nkokobetue nnwonto wɔ mo anim,na mfuw so nnua nyinaabɛbɔ wɔn nsam.13Nsɔe anan mu ɔpepaw befifi,na nnɛnkyɛnse anan mu ohuam dua befifi.Eyi bɛyɛ nea ɛhyɛ Awurade anuonyam,ɛbɛyɛ daapem nsɛnkyerɛnne,a ɛrentwa mu da.