Yesaia52twi_aka
1Nyan, nyan, Sion,hyɛ ahoɔden adurade no.Hyɛ wo ntade fɛɛfɛ noYerusalem kuropɔn kronkron no.Momonotofo ne wɔn a wɔn ho agu firenwura wʼapon mu bio.2Poroporow wo ho mfutuma.Sɔre, tena ahengua so, Yerusalem.Yiyi nkɔnsɔnkɔnsɔn no fi wo kɔn mu,Ɔbabea Sion a wɔafa wo nnommum.3Na sɛɛ na Awurade se:“Wɔantɔn wo annye hwee,na ɛnyɛ sika na wɔde begye wo.”4Na sɛɛ na Otumfo Awurade se:“Bere bi me nkurɔfo kɔɔ Misraim kɔtenaa hɔ;akyiri no Asiria bɛhyɛɛ wɔn so.5“Na mprempren dɛn na mewɔ wɔ ha?” Sɛɛ na Awurade se.“Wɔafa me nkurɔfo kɔ kwa,na wɔn sodifo di fɛw,”Awurade na ose.“Da mu no nyinaawɔkɔ so gu me din ho fi.6Enti me nkurɔfo behu me din;enti da no wobehu sɛɛyɛ me na mehyɛɛ ho nkɔm.Yiw, ɛyɛ me.”7Hwɛ sɛnea wɔn a wɔde asɛmpa no rebaanammɔn si yɛ fɛ wɔ mmepɔw no so,wɔn a wɔpae mu ka asomdwoesɛm,wɔn a wɔbɔ amanneɛdɛ,wɔn a wɔpae mu ka nkwagye ho asɛmna wɔka kyerɛ Sion se,“Mo Nyankopɔn di hene.”8Muntie! Mo awɛmfo ma wɔn nne so;wɔbɔ mu de anigye teɛ mu.Sɛ Awurade san ba Sion a,wɔde wɔn ani behu.9Mommɔ mu ntue anigye nnwonto,mo Yerusalem nnwiriwii,efisɛ, Awurade akyekye ne nkurɔfo werɛwagye Yerusalem.10Awurade beyi ne basa kronkron no howɔ amanaman nyinaa animna asase ano nyinaa behu yɛn Nyankopɔn nkwagye.11Monkɔ. Mumfi hɔ nkɔ!Mommfa mo ho nnka biribiara a ho ntew.Mumfi ho na mo ho ntew,mo a mukurakura Awurade nkuruwa.12Morentutu mmirika mfi haanaa morenguan;efisɛ Awurade bedi mo anim,Israel Nyankopɔn bɛbɔ mo kyidɔm.