Yesaia47twi_aka

Babilonia Asehwe

1“Sian kɔ, tena mfutuma mu,Ɔbabea Babilonia;tena fam na mfa ahengua,Babiloniafo hemmea kuropɔn.Wɔremfrɛ wo bio se,nsiforo anaa nea ne ho yɛ na.2Fa awiyammo na yam esiam;yi wo nkataanim no.Ma wʼatade so kɔ soro, na wo nan ho ngu hɔ,na fa nsuwansuwa no mu.3Wʼadagyaw bɛda adina wʼanimguase so renkata.Mɛtɔ were;meremfa obiara ho nkyɛ no.”
4Yɛn Gyefo, Asafo Awurade ne ne din,ɔno ne Israel Kronkronni.
5“Tena ase dinn, kɔhyɛ sum mu,Babiloniafo hemmea kurow;wɔremfrɛ wo bio seahenni ahorow so hemmea.6Me bo fuw me nkurɔfo,na miguu mʼagyapade ho fi;mede wɔn hyɛɛ wo nsa,na woanhu wɔn mmɔbɔ.Nkwakoraa koraa mpo,wosoaa wɔn konnua duruduru.7Wokae se, ‘Mɛkɔ so daa,ayɛ ɔhemmea afebɔɔ.’Nanso woannwen saa nneɛma yi hona woansusuw nea ebetumi asi ho.
8“Afei tie, wo oguamanfo,woredwudwo wo ho wɔ wo bammɔ muna woka kyerɛ wo ho se,‘me ne no, na obiara nni hɔ sɛ me.Merenyɛ okunafo dana merenni awommawu.’9Saa nneɛma abien yi bɛto woprɛko pɛ, da koro pɛ:awommawu ne kunayɛ.Saa nneɛma yi bɛba wo so pa ara,wʼabayisɛm bebrebe yine ntafowayi a mu yɛ den nyinaa akyi.10Wode wo ho ato wʼamumɔyɛ sona waka se, ‘Obiara nhu me.’Wo nyansa ne nimdeɛ ma wo fom kwanbere a woka kyerɛ wo ho se,‘Me ne no, obiara nni hɔ ka me ho.’11Amanehunu bɛto wo,na worenhu ɔkwan ko a wobɛfa so ayi afi hɔ.Ɔhaw bi bɛba wo soa worentumi mfa mpata nyi mfi hɔ;atoyerɛnkyɛm a ɛnnaa ne ho adi nkyerɛɛ wobɛba wo so mpofirim.
12“Kɔ so yɛ wo ntafowayine wʼabayisɛm bebrebea wode adi dwuma fi wo mmofraase no.Ebia wubedi nkonim,ebia wode ehu bɛba.13Woabrɛ wɔ afotufo bebrebe a woanya no mu!Ma wo nsoromma ho anyansafo mmra anim,wɔn a wɔhwɛ nsoromma mu no, ka nea ɛreba ɔsram biara mu no,ma wonnye wo mfi nea ɛreba wo so no mu.14Nokwarem, wɔte sɛ gyentia;ogya bɛhyew wɔn.Na wontumi nnye wɔn ankasa homfi ogyaframa anoden no ho.Nnyansramma biara nni ha a ɛbɛka obiara hyew;ogya biara nni ha a wɔbɛtena ho ato.15Nea wobetumi ayɛ ama wo ara ne no,eyinom na wo ne wɔn abrɛna wo ne wɔn anantew fi mmofraase.Wɔn mu biara kɔ so yɛ ne mfomso;ɔbaako mpo nni hɔ a obetumi agye wo.