Yesaia45twi_aka
1“Sɛɛ na Awurade ka kyerɛ nea wasra no ngo,Kores a maso ne nsa nifa musɛ ɔmmrɛ aman ase wɔ nʼanimna onnye ahemfo akode mfi wɔn nsamsɛ ommuebue apon a ɛwɔ nʼanimsɛnea kurow apon no mu rentoto.2Medi wʼanimmɛyɛ mmepɔw tamaa;mebubu kɔbere mfrafrae apon aguna matwitwa nnade adaban mu.3Mede sum mu ademude bɛma woahonyade a wɔde asie kokoa musɛnea wubehu sɛ, mene Awurade,Israel Nyankopɔn, a ɔbɔ wo din frɛ wo no.4Me somfo Yakob nti,Israel a mapaw no nti,mebɔ wo din frɛ wona mɛma wo anuonyamhyɛ abodin,ɛwɔ mu sɛ wunnyee me ntoo mu de.5Mene Awurade, obiara nni hɔ bio;Onyankopɔn biara nni hɔ ka me ho.Mɛhyɛ wo den,ɛwɔ mu sɛ wunnyee me ntoo mu de,6sɛnea ɛbɛyɛ a efi nea owia puekosi beae a ɛtɔ nonnipa behu sɛ obiara nka me ho.Mene Awurade, na obiara nni hɔ bio.7Meyɛ hann, na mebɔ sum.Mede yiyedi ba na mede ɔhaw ba;Me, Awurade, na meyɛ eyinom nyinaa.8“Mo ɔsorosoro munhwie trenee ngu fam;momma emfi omununkum mu ntɔmomma asase mu mmue kɛse,na nkwagye mpue mfi mu,na trenee ne no nnyin;Me, Awurade na mayɛ.9“Nnome nka nea ɔne ne Yɛfo hamɛnka nea ɔmfra te sɛ kyɛmfɛre a ɛfra nea egugu fam mu.Dɔte betumi abisa ɔnwemfo se,‘Dɛn na woreyɛ yi?’Wʼadwuma betumi abisa wo se‘Wunni nsa’?10Nnome nka nea ose nʼagya se‘Dɛn na woawo yi?’Anaa obisa ne na se,‘Dɛn na wokyem woe?’11“Sɛɛ na Awurade se,Israel Ɔkronkronni ne ne Yɛfo;Nea ɛfa nneɛma a ɛreba ho no,wubisa me nsɛm a ɛfa me mma ho,anaa wohyɛ me wɔ me nsa ano adwuma ho?12Ɛyɛ me na meyɛɛ asasena mebɔɔ adesamma guu so.Me ara me nsa na mede trɛw ɔsoro mu;nsoromma ahorow nyinaa hyɛ mʼase.13Mɛma Kores so wɔ me trenee mu;meteɛteɛ nʼakwan nyinaa.Ɔbɛsan akyekyere me kuropɔnna wagyaa me nnommumfo,nanso ɔrennye akatua anaa akyɛde,Asafo Awurade na ose.”14Sɛɛ na Awurade se:“Nneɛma a efi Misraim ne aguade a efi Kus,ne Sebafo atenten no,wɔbɛba wo nkyɛnabɛyɛ wo dea;wobedi wʼakyi brɛoo aba awogu nkɔnsɔnkɔnsɔn mu.Wobebu nkotodwe wʼanimna wɔasrɛ wo aka se,‘Ampa ara, Onyankopɔn ka wo ho, na obi nni hɔ;onyame biara nni hɔ.’ ”15Ampa ara, woyɛ Onyankopɔn a ɔde ne ho sie,Ao Onyankopɔn ne Israel Agyenkwa.16Wɔn a wɔyɛ ahoni nyinaa bɛfɛre na wɔn anim agu ase;wɔbɛbɔ mu akɔ animguase mu.17Nanso Awurade begye Israel nkwa,ɔde daapem nkwagye;wɔremma wʼani nwu na wʼanim rengu ase biokosi daapem.18Na sɛɛ na Awurade se,nea ɔbɔɔ ɔsorosoro noɔno ne Onyankopɔn;nea ɔmaa asase, ne tebea na ɔbɔe no,ɔno na ɔtoo ne fapem;wammɔ no sɛ so nna hɔ kwa,mmom, ɔyɛe se nnipa ntena so,ɔka se:“Mene Awurade,na obi nni hɔ.19Menkasaa wɔ kokoa mu,mfi asase so baabi a aduru sum;menka nkyerɛɛ Yakob asefo se,‘Monhwehwɛ me na munhu me.’Me Awurade, meka nokware no;meka nea eye.20“Mommoaboa mo ho ano na mommra;munhyia mu, mo aguanfo a mufi amanaman so.Wɔn a wonnim de na wɔsoa nnua ahoni de kyinkyinwɔn a wɔbɔ anyame a wontumi nnye nkwa no mpae.21Mompae mu nka nea ebesi, momfa nto gua,ma wɔmmɔ mu ntu agyina.Hena na odii kan kaa no teteete,hena na ɔdaa no adi fi tete nteredee?Ɛnyɛ me Awurade ana?Onyankopɔn bi nni hɔ ka me ho,trenee Nyankopɔn ne Agyenkwa;obiara nni hɔ sɛ me.22“Monnan mmra me nkyɛn na munnya nkwa,mo a mowɔ asase ano nyinaa;efisɛ mene Onyankopɔn, na obiara nni hɔ.23Maka me ho ntam,mʼano aka wɔ nokwaredi nyinaa muasɛm a wɔntwe nsan sɛ:obiara bebu nkotodwe wɔ mʼanim.Na obiara bɛpae mu aka se, mene Onyankopɔn.24Wɔbɛka me ho asɛm se, ‘Awurade nko ara muna trenee ne ahoɔden wɔ.’ ”Wɔn a wɔn bo huru tia no nyinaabɛba ne nkyɛn na wɔn anim begu ase.25Nanso Awurade mu, Israel asefo nyinaawobebu wɔn bem, na wɔahoahoa wɔn ho.