Yesaia30twi_aka

Munnue, Ɔman Asoɔdenfo

1“Munnue mmofra asoɔdenfo,”sɛɛ na Awurade se,“Wɔn a wɔde nhyehyɛe a emfi me yɛ adwuma,na wɔyɛ apam a emfi me honhom mu,na wɔboaboa bɔne ano;2wɔn a wɔkɔ Misraima wommisa me ansa;wɔhwehwɛ mmoa a ɛyɛ bammɔ fi Farao nkyɛn,wɔkɔ Misraim kɔhwehwɛ hintabea.3Nanso Farao bammɔ bɛyɛ animguase ama mo,Misraim nwini de ahohora bɛbrɛ mo.4Ɛwɔ mu, wɔwɔ adwumayɛfo wɔ Soanna wɔn ananmusifo adu Hanes de,5nanso wɔn nyinaa anim begu asennipa bi a wɔn so nni wɔn mfaso nti,wɔmmfa mmoa anaa mfaso mma,na mmom animguase ne ahohora.”6Adehunu a ɛfa Negeb mmoa ho:wɔfa ahokyere ne ahohiahia asase so,nea gyata ne gyatabere,nhurutoa ne awɔ a wɔn ho yɛ hare wɔ,ananmusifo no de wɔn ahonyade soa mfurumne wɔn ademude wɔ yoma afu so,de kɔ saa ɔman a ne so nni mfaso no so,7de kɔ Misraim a ne mmoa so nni mfaso,enti mefrɛ noRahab nea Onsi Hwee.
8Kɔ afei, kyerɛw wɔ kyerɛwpon so ma wɔn,kurukyerɛw wɔ nhoma mmobɔwee sosɛnea nna a ɛreba no mu noɛbɛyɛ adansede a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ.9Saa nnipa yi yɛ atuatewfo, mma asisifo,mma a wɔmpɛ sɛ wotie Awurade nkyerɛkyerɛ.10Wɔka kyerɛ adehufo se,“Munhu mo ani so ade bio!”ne adiyifo no nso se,“Monnka anisoadehu a ɛyɛ nokware no nkyerɛ yɛn bio!Monka abodwosɛm nkyerɛ yɛn,monhyɛ nnaadaa nkɔm.11Mumfi saa ɔtempɔn yi so,momman mfi saa ɔkwan yi hona munnyae Israel Kronkronnia mode no haw yɛn yi!”12Enti sɛɛ na Israel Ɔkronkronni no se:“Esiane sɛ moapo saa nkra yi,na mode mo ho ato nhyɛsone nnaadaa so nti,13saa bɔne yi bɛyɛ sɛɔfasu tenten bi a ahyɛ kam na akyeana ebu mpofirim, ama mo.14Ebebubu nketenkete ayɛ sɛ kuku.Ɛbɛyam pasaa a,sin koraa renka awobetumi de asɔ gya afi muka muanaa wɔde bɛsaw nsu afi ahina mu.”15Sɛɛ na Otumfo Awurade, Israel Kronkronni no se:“Ahonu mu ne ntoboase mu na mo nkwagye wɔkommyɛ ne ahotoso mu na mo ahoɔden wɔ,nanso, morennya mu biara.16Mokaa se, ‘Dabi da, yɛbɛtena apɔnkɔ so aguan.’Enti mubeguan!Mokaa se, ‘yɛbɛtena apɔnkɔ a wɔn ho yɛ hare so akɔ.’Enti wɔn a wɔtaa mo no ho bɛyɛ hare!17Apem beguanɔbaako ho hu nti;baanum ho hu ntimo nyinaa beguan akɔ,akosi sɛ wobegyaw mote sɛ frankaa dua a esi bepɔw atifi,te sɛ frankaa a esi koko so.”
18Nanso Awurade pɛ sɛ ɔdom mo;ɔma ne ho so, kyerɛ wo nʼahummɔbɔ.Efisɛ Awurade yɛ ɔtreneeni Nyankopɔn.Nhyira ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa!19Sionfo a mote Yerusalem, morentwa adwo bio. Sɛ musu frɛ no hwehwɛ mmoa a, ɔbɛdom mo! Sɛ ɔte a obegye mo so prɛko pɛ.20Ɛwɔ mu, Awurade brɛ mo amanehunu sɛ aduan ne ɔhaw sɛ nsu de, nanso, afei mubehu Awurade, mo kyerɛkyerɛfo no bio, na ɔbɛkyerɛ mo kwan.21Sɛ mofa nifa anaa benkum a, mobɛte nne bi wɔ mo akyi a ɛka se, “Ɔkwan no ni na momfa so.”22Afei mobɛtow mo ahoni a mode dwetɛ adura ho ne nsɛsode a mode sikakɔkɔɔ afa ho no nyinaa agu. Mobɛtow wɔn agu sɛ ntamagow fi, na moaka kyerɛ wɔn se, “Mumfi yɛn so nkɔ.”23Afei ɔde osu behyira mo bere a mudua nnuaba, na aduan a asase no bɛbɔ no bɛyɛ papa na ɛbɛdɔɔso nso. Da no, mo anantwi bedidi wɔ adidibea a ɛtrɛw so.24Mo anantwi ne mo mfurum a wofuntum asase no bɛwe atoko pa ne ne ntɛtɛ a, wɔde sofi ne nkorata trɛtrɛw mu.25Saa okum kɛse da no a abantenten ahwehwe ase no, nsuwa bɛteɛ wɔ bepɔw tenten ne koko a ɛkorɔn biara so.26Ɔsram bɛhyerɛn sɛ owia, na owia hyerɛn no bɛyɛ mpɛn ason, te sɛ nnafua ason mu hyerɛn, bere a Awurade kyekyere ne nkurɔfo akuru na ɔsa apirakuru a ɔde ama wɔn no.27Hwɛ! Awurade fi akyirikyiri reba,ɔde abufuwhyew ne wusiw kumɔnn;abufuw ahyɛ nʼanom ma,na ne tɛkrɛma yɛ ogya a ɛhyew nneɛma.28Ne home te sɛ asuworoe a ɛsen ntɛmntɛm,na ɛforo kɔdeda kɔn mu.Ɔwosow aman no wɔ ɔsɛe sɔnee so;ɔde nnareka a ɛma wɔfom kwanhyehyɛ nnipa no nnyepi.29Na mobɛto dwomte sɛ anadwo a mudi afahyɛ kronkron no;mo koma bedi ahurusite sɛ bere a nnipa de atɛntɛbɛn forokɔ Awurade bepɔw no so,kɔ Israel Ɔbotan no nkyɛn.30Awurade bɛma nnipa ate nʼabrɛmpɔnnnena ɔbɛma wɔahu ne basa a ɛresianna ɛde abufuwhyew ne ogya a ɛhyew nneɛmaosu dennen, aprannaa ne mparuwbo reba.31Awurade nne bɛhwe Asiria;ɔde nʼabaa bɛbɔ wɔn ahwe fam.32Ɔbɛbɔ wɔn wɔ ɔko mu,na bere biara a ɔbɛbɔ wɔn noɛbɛyɛ sɛ akasae ne sankuten so nnwonto koro.33Wɔasiesie Topet dedaada;wɔayɛ no krado ama ɔhene no.Wɔahyehyɛ ogya ne nnyentia bebreewɔ ne gya amoa no a emu dɔ na ɛtrɛw no mu;Awurade homete sɛ sufre asuten nobɛsɔ mu gya.