Yesaia24twi_aka

Asase Sɛe A Efi Awurade

1Hwɛ, Awurade rebɛma asase ada mpanna wasɛe no;ɔbɛsɛe asase anina wabɔ sotefo ahwete,2ɛbɛyɛ saa araama ɔsɔfo sɛnea ɛbɛyɛ ama nnipa,ama owura sɛnea ɛbɛyɛ ama asomfo,ama awuraa sɛnea ɛbɛyɛ ama afenaa,ama nea ɔtɔn sɛnea ɛbɛyɛ ama nea ɔtɔ,ama nea ogye bosea sɛnea ɛbɛyɛ ama nea ɔma bosea,ama ɔkafo sɛnea ɛbɛyɛ ama nea ɔde ma.3Asase bɛda mpan koraa,na wɔafom so nneɛma.Awurade, na waka saa asɛm yi.
4Asase so yɛ wosee, na ekisawiase kɔ ahoyeraw mu, na ekisa,nea wɔama no so wɔ asase so ho yeraw no.5Asase so nnipa agu ne ho fi;wɔanni mmara no so,wɔabu ahyɛde no sona wɔasɛe apam a ɛwɔ hɔ daa no.6Enti nnome amene asase noɛsɛ sɛ so nnipa nya wɔn afɔdi so akatuane saa nti wɔahyew asase no so nnipa,na kakraa bi pɛ na wɔaka.7Nsa foforo no ho yow na bobe no guan;wɔn a wogye wɔn ani no si apini.8Akasaebɔ mu anigye no agyae,ahosɛpɛwfo no nteɛteɛmu no agyae.Sankuten so nnwom dɛdɛ no ayɛ dinn.9Wɔnnto dwom mfa nnom nsa bio;mmorɔsa ayɛ nwen ama anomfo.10Kuropɔn a wɔasɛe no ada mpan;wɔatoto ofi biara apon mu.11Wɔpere nsa wɔ mmɔnten so;ahosɛpɛw nyinaa adan bosooyɛ,anigye nyinaa atu ayera wɔ asase no so.12Kuropɔn no asɛe,wɔabubu nʼapon mu nketenkete.13Saa ara na ɛbɛyɛ wɔ asase no sone amanaman no mu,sɛnea wɔboro ngodua a ɛyɛ no,anaa sɛnea wogyaw mpɛpɛ wɔ bobe twabere akyi no.
14Wɔma wɔn nne so, wɔde anigye teɛteɛ mu;efi atɔe fam, wɔkamfo Awurade kɛseyɛ.15Enti apuei fam, monhyɛ Awurade anuonyam;momma Awurade din so, Israel Nyankopɔn no,wɔ supɔw a ɛwɔ po so no so.16Yɛte nnwonto fi asase ano yɛte se,“Anuonyam nka Ɔtreneeni no.”Nanso mekae se, “Matɔ beraw, mapa abaw!Minnue!Ɔfatwafo di huammɔ!Ɔnam nnaadaa so di huammɔ.”17Ehu, amoa ne afiri retwɛn mo,nnipa a mote asase so.18Nea ehu nti oguan nobɛtɔ amoa mu;nea ɔforo fi amoa mu noafiri beyi no.Wɔabue nsu apon wɔ ɔsoro,na asase nnyinaso wosow.19Wɔadwiriw asase nona emu apaapae,na asase awosow ankasa.20Asase tɔ ntintan te sɛ ɔsabowfo.Ehinhim biribiri te sɛ ntamadan wɔ mframa ano;nʼatuatew ho afɔdi ayɛ adesoa ama nona ɛhwe ase a ɛrensɔre bio.
21Saa da no, Awurade bɛtweɔsoro atumfone ahemfo a wɔwɔ asase so aso.22Wɔbɛka wɔn nyinaa abɔ musɛ nneduafo ahyɛ afiase amoa mu;wɔbɛto wɔn mu wɔ afiasena nna bebree akyi no wɔatwe wɔn aso.23Ɔsram anim begu ase na owia ani awu;na Asafo Awurade bedi henewɔ Sion bepɔw so ne Yerusalem,ne wɔn mpanyimfo anim, wɔ anuonyam mu.