Yesaia21twi_aka

Nkɔmhyɛ A Etia Babilonia

1Nkɔmhyɛ a ɛfa Nweatam a ɛda Po ho no ho:Te sɛ mfɛtɛ a ɛbɔ fa anafo fam asase so no,ɔtamfo bi fi nweatam so reba,ofi asase a ɛyɛ ahuabɔbrim so.
2Wɔde adaeso a ɛyɛ nwonwa akyerɛ me:Ɔfatwafo di huammɔ, ɔfomfo fa asade.Elam tow hyɛ so! Media bɔ pampim!Mede apinisi a ɔde bae no nyinaa bɛba awiei.
3Eyi ama ɔyaw bi abɛhyɛ me mu,ɔyaw aka me, te sɛ ɔbea a awo aka no;nea metee no nti mintumi nnyina me nan so,nea mihu no ama me ho adwiriw me.4Me koma bɔ kitirikitiri,ehu ma me ho popo;na hann a mepɛɛ sɛ mihu noabɛyɛ aninyanne ama me.
5Wɔto pon,wɔde kuntu akɛtɛ sesɛw fam,wodidi, na wɔnom!Monsɔre, mo asraafo mpanyimfo,momfa ngo nsrasra mo akatabo ho!6Sɛɛ na Awurade ka kyerɛ me:“Fa ɔwɛmfo kogyina hɔna ɔnka nea ohu nkyerɛ wo.7Sɛ ohu nteaseɛnamne apɔnkɔ akuwakuw,wɔn a wɔtete mfurum sone wɔn a wɔtete yoma so a,ɔnwɛn nʼaso,nwɛn no pa ara.”8Na ɔwɛmfo no teɛɛ mu se,“Me wura, da biara migyina ɔwɛn aban no soAnadwo biara, migyina hɔ.9Hwɛ, ɔbarima bi a ɔte teaseɛnam mu na ɔreba yiɔne apɔnkɔ dɔm.Na ɔwɛmfo no kae se,‘Babilon ahwe ase, wahwe ase!Nʼanyame ne nʼahoni nyinaaabubu agu fam!’ ”
10Ao, me nkurɔfo a, wɔadwerɛw mo wɔ awiporowbea asemeka nea mate kyerɛ monea efi Asafo Awurade,nea efi Israel Nyankopɔn hɔ.

Nkɔmhyɛ A Etia Edom

11Adehu a ɛfa Duma ho:Obi frɛ me fi Seir,“Ɔwɛmfo, bere bɛn na ade bɛkyɛ?Ɔwɛmfo, aka nnɔnhwerew ahe ansa na ade akye?”12Ɔwɛmfo no bua se,“Ade rekye, nanso ade bɛsa.Sɛ wubebisa bio asan bra bebisa.”

Nkɔmhyɛ A Etia Arabia

13Adehu a ɛfa Arabia ho:Mo Dedan akwantufo amosoɛ wɔ Arabia adɔtɔ ase,14Momfa nsu mmrɛ wɔn a osukɔm de wɔn;mo a motete Tema,mommrɛ aguanfo no aduan.15Woguan fi afoa a watwetadua a wɔakuntun mune ɔko a egyina mu ano.16Sɛɛ na Awurade ka kyerɛ me, “Afe baako mu, sɛnea ɔsomfo a wayɛ nhyehyɛe bebubu nna no, Kedar kɛseyɛ to betwa.17Na agyantowfo a wɔbɛka ne Kedar akofo bɛyɛ kakraa bi.” Nea Awurade, Israel Nyankopɔn, aka ni.