Yesaia18twi_aka

Nkɔmhyɛ A Etia Kus

1Due asase a ntaban nnyigyei wɔ sowɔ Kus nsubɔnten ho,2ɔsoma ananmusifo a wɔnam po sowɔde paparɔso akorow fa nsu ani.Monkɔ, asomafo ahoɔharefo,monkɔ nnipa a wɔwoware na wɔn honam yɛ trontrom,nnipa a wɔn ho yɛ hu wɔ mmaa nyinaa,anuɔdenfo man a yɛnte wɔn kasa,na nsubɔnten akyekyɛ nʼasase mu no nkyɛn.
3Mo wiasefo nyinaa,mo a motete asase so,sɛ wɔma frankaa so wɔ bepɔw no so a,mubehusɛ wɔhyɛn torobɛnto a,mobɛte.4Sɛɛ na Awurade ka kyerɛ me,“Mɛtena mʼatenae, na mahwɛ biribiara dinn.Mɛyɛ dinn te sɛ owia a ɛrebɔ,te sɛ bɔ a esi wɔ otwabere mu.”5Ennya nnuu twabere, a nhwiren bere atwam nona nhwiren no anyin adan bobe no,wɔde asosɔw betwitwa mman no,wobetwitwa mman a ɛredennan no akɔ.6Wobegyaw wɔn nyinaa ama bepɔw so nnomaaa wokum mmoa we ne wuram mmoa;nnomaa no bedi wɔn nam wɔ ahuhuru bere mu.Wuram mmoa bɛwe wɔn nam wɔ awɔw bere mu.7Saa bere no, wɔde akyɛde bɛbrɛ Asafo Awuradeebefi nnipa a wɔwoware na wɔn honam yɛ trontrom hɔ,nnipa a wɔn ho yɛ hu wɔ mmaa nyinaa,aniɔdenfo man a yɛnte wɔn kasa,na nsubɔnten akyekyɛ nʼasase mu,wɔde akyɛde bɛba Sion Bepɔw so, faako a Asafo Awurade din atim no.