Yesaia14twi_aka

1Awurade behu Yakob mmɔbɔ;ɔbɛsan afa Israelna ɔbɛbɔ wɔn atenase wɔ wɔn ankasa asase so.Ananafo bɛba abɛka wɔn hona wɔne Yakobfi aka abɔ mu.2Amanaman bɛfa wɔnde wɔn aba wɔn ankasa atenae.Na Israelfi bɛfa amanaman no ayɛ wɔn desɛ nkoa ne mfenaa wɔ Awurade asase so.Wɔbɛyɛ wɔn a wɔyɛɛ wɔn nnommumfo no nnommumna wobedi wɔn sohwɛfo so.3Na da a Awurade bɛma mo ɔhome afi amanehunu, ahoyeraw ne nkoasom dennen mu no,4mubedi Babiloniahene ho fɛw se:hwɛ sɛnea sohyɛfo no aba nʼawie!ne sɛnea nʼabufuw nso to atwa!5Awurade abubu otirimɔdenfo no abaa mu,sodifo ahempema no,6nea abufuw mu no ɔde bobɔɔ wɔntoatoaa so hwehwee fam,na abufuwhyew mu otintim wɔn so a ahomegye nni mude brɛɛ amanaman no ase no.7Nsase no nyinaa rehome wɔ asomdwoe mu;na wɔto dwom.8Mpo, ɔpepaw nnua ne Lebanon sidanya ho anigye na wɔka se,“Afei a wɔabrɛ wo ase yi,duatwafo biara remmetwa yɛn.”
9Awufo nna a ɛwɔ ase no rekeka ne hoabehyia wo kwan;ɛkanyan wɔn a wɔafi mu no honhomsɛ wɔmmɛma wo akwaaba,wɔn a na wɔyɛ akannifo wɔ wiaseɛma wɔsɔre fi wɔn nhengua so,wɔn a na wɔyɛ ahemfo wɔ amanaman so.10Wɔn nyinaa begye so,wɔbɛka akyerɛ wo se,“Wo nso woayɛ mmerɛw sɛ yɛn;woayɛ sɛ yɛn ara.”11Wo kɛseyɛ nyinaa wɔde aba ɔda mu,ne huuyɛ a efi wo asanku no;wɔde nsaammoa asɛw kɛtɛ ama wona asunson akata wo so.
12Sɛnea wufi ɔsoro abɛhwe fam,anɔpa nsoromma, adekyee babarima!Wɔato wo abɛhwe asase so,wo a na kan no wobrɛ amanaman ase!13Wokaa no wo koma mu se,“Mɛforo akɔ ɔsoro;mɛma mʼahengua soasi Onyankopɔn nsoromma atifi;mɛtena ase adi hene wɔ ahyiae bepɔw so,nea ɛkorɔn pa ara wɔ bepɔw kronkron no so.14Mɛforo atra omununkum atifi;mɛyɛ me ho sɛ Ɔsorosoroni no.”15Nanso wɔde wo abɛto ɔda mu,amoa donkudonku ase tɔnn.
16Wɔn a wuhu wo no hwɛ wo haw,wodwen nea ato wo no ho bisa se,“Ɛnyɛ ɔbarima a ɔwosow asasena ɔmaa ahenni ho popoe,17ɔbarima a ɔmaa wiase dan nweatam,nea ɔdan ne nkuropɔn butuwiina wamma ne nneduafo ankɔ wɔn nkyi no ni?”
18Amanaman ahemfo no nyinaa wɔadeda wɔnobiara wɔ ne da mu.19Nanso wɔapam wo afi wo da mute sɛ dubaa a wɔapo;wɔde wɔn a wɔatotɔ akata wo so,wɔn a wɔtɔɔ wɔ afoa ano,wɔn a wosian kɔ abo amoa mu,te sɛ funu a wɔatiatia so,20Wɔrensie wo nka wɔn ho,efisɛ woasɛe wʼasasena wakunkum wo nkurɔfo.Otirimɔdenfo asefo nowɔrenkae wɔn bio. Wo babarima renni wʼade sɛ ɔhene.21Siesie faako a wobekunkum ne mmabarimawɔ wɔn agyanom bɔne nti;ɛnsɛ sɛ wɔsɔre di asase no sona wɔde wɔn nkuropɔn pete so.
22“Mɛsɔre atia wɔn,”Sɛnea Asafo Awurade se ni.“Metwa ne din ne ne nkae,ne mma ne ne nenanom afi Babilonia ho,”sɛnea Asafo Awurade se ni.23“Mɛdan no ayɛ faako a mpatu wɔne ɔwora;mede ɔsɛeprae bɛpra no,”sɛnea Asafo Awurade se ni.

Nkɔmhyɛ A Etia Asiria

24Asafo Awurade aka ntam se,“Nokware, sɛnea mahyehyɛ no, saa ara na ɛbɛyɛ,na sɛnea masusuw no, ɛrensesa.25Mɛsɛe Asiria pasaa wɔ mʼasase so;metiatia no so me mmepɔw so.Obeyi ne konnua afi me nkurɔfo so,na nʼadesoa nso afi wɔn so.”
26Eyi ne nhyehyɛe a wɔayɛ ama wiase nyinaa;eyi ne nsa a wɔateɛ wɔ aman nyinaa so.27Na sɛ Asafo Awurade ayɛ nʼadwene a hena na obesiw no kwan?Na sɛ wateɛ ne nsa, hena na obesianka no?

Nkɔmhyɛ A Etia Filistifo

28Saa adehu yi baa afe a ɔhene Ahas wui no:29Munnni ahurusi, mo Filistifo,sɛ abaa a ɛbɔɔ mo no mu abubu;saa ɔwɔ no ase na ahurutoa befi aba,na nʼaba bɛyɛ ɔwɔ a ne ho yɛ hare na nʼano wɔ bɔre.30Ahiafo mu hiani benya didibea,na mmɔborɔni bɛda asomdwoe mu.Nanso wʼasefo de, mede ɔkɔm bɛtɔre wɔn ase;ebekunkum wo nkae no.
31Twa adwo, kurow pon! Su teɛ mu kuropɔn!munguan, mo Filistifo!Wusiw kumɔnn bi fi atifi fam reba,na obiara ntwentwɛn ne nan ase wɔ wɔn mu.32Mmuae bɛn na wɔde bɛmasaa ɔman no ananmusifo?“Awurade de Sion atim hɔ,ne mu na nʼamanehunufo benya guankɔbea.”