Yesaia11twi_aka

Yisai Ase Dubaa

1Dua foforo bi befifi wɔ Yisai dunsin ho;efi ne ntin mu na Dubaa bi bɛsow aba.2Awurade Honhom bɛtena ne so,nyansa ne ntease Honhom,afotu ne tumi Honhom,nimdeɛ ne Awurade suro Honhom,3Na nʼani begye wɔ Awurade suro mu.Ɛnyɛ nea ɔde nʼani hu so na obegyina abu atɛn,anaa nea ɔde nʼaso bɛte so na obegyina asi gyinae;4na mmom ɔde trenee bebu mmɔborɔfo atɛn,ɔde atɛntrenee besi gyinae ama asase so ahiafo.Ɔde nʼano abaa na ɛbɛbɔ asase;ɔde nʼanofafa home bekunkum amumɔyɛfo.5Trenee bɛyɛ nʼabɔsona nokwaredi ayɛ nʼabɔso.
6Pataku ne oguamma bɛtena,ɔsebɔ ne abirekyi bɛda,nantwi ba ne gyata ne ne ba bɛbɔ mu;na abofra ketewa bi adi wɔn anim.7Nantwi ne sisi bɛbɔ mu adidi,wɔn mma bɛdeda faako,na gyata bɛwe wura te sɛ nantwi.8Akokoaa bedi agoru abɛn ɔprammiri amoa ano,na abofra ketewa de ne nsa ahyɛ ahurutoa bon mu.9Wɔrenyɛ obi bɔne na wɔrensɛe adewɔ me bepɔw Kronkron nyinaa so,na Awurade ho nimdeɛ bɛyɛ asase so masɛnea nsu ayɛ po ma no.10Na da no, Yisai aseni bɛsɔre; nea ɔbɛsɔre abedi aman aman no so; ɔno na wɔn ani bɛda ne so, na nʼahomegyebea benya anuonyam.11Saa da no, Awurade bɛma ne nsa so ne mprenu so de agye ne nkurɔfo a wɔaka afi Asiria, Misraim anafo fam, Misraim atifi fam, Kus, Elam, Babilonia, Hamat ne Po so asupɔw.12Ɔbɛma frankaa so ama aman nona wɔaboaboa Israelfo a wɔatwa wɔn asu no ano;Ɔbɛboaboa Yudafo a wɔahwete no anoafi asase ntwea anan no so.13Efraim anibere betu ayera,na wɔbɛsɛe Yuda atamfo.Efraim ani remmere Yuda bio,na Yuda nso rentan Efraim ani.14Wobetwiw afa Filistia asiansian ahorow no so akɔ atɔe fam;na wɔbɛbɔ mu afow nnipa akɔ apuei fam.Wɔbɛfa Edom ne Moab,na Amonfo bɛhyɛ wɔn ase.15Awurade bɛma nsua ɛwɔ Misraim Po no mu ayow korakora;ɔbɛma ne nsa mu mframa a mu yɛ hyewabɔ afa Asubɔnten Eufrate so.Ɔbɛpaapae mu ayɛ no nsuwansuwa asonsɛnea ɛbɛyɛ a obiara betumi ahyɛ mpaboa atwa.16Ɔtempɔn bi bɛda hɔ ama ne nkurɔfo nkaea wɔaka Asiria,sɛnea bi daa hɔ maa Israelbere a wofi Misraim bae no.