Yesaia10twi_aka
1Wonnue, wɔn a wɔhyɛ mmara a ɛmfa ne kwan mu,wɔn a wɔhyɛ mmara dennen a ɛde nhyɛso ba,2de siw ahiafo ahofadi ho kwan,de atɛntrenee bɔ me nkurɔfo a wɔhyɛ wɔn so no atirimɔden.Wɔma akunafo yɛ amanehunufona wɔbɔ ayisaa korɔn.3Dɛn na mobɛyɛ wɔ akontaabu da no,bere a amanehunu fi akyirikyiri reba?Hena nkyɛn na mubeguan akɔpɛ mmoa?Ɛhefa na mubegyaw mo ahode?4Ɛrenka mo hwee sɛ mobɛfra nneduafo muanaasɛ mobɛtotɔ wɔ atɔfo mu.Nanso eyinom nyinaa akyi no ne bo nnwoo ɛ,na ne nsa da so wɔ soro.