1“Monhyɛn torobɛnto!Ɔkɔre bi wɔ Awurade fifo soefisɛ nnipa no abu mʼapam sona wɔasɔre atia me mmara.2Afei Israel su frɛ me se,‘Yɛn Nyankopɔn, yegye wo to mu!’3Nanso Israel apo nea eye;ɔtamfo bɛtaa no.4Wosisi ahemfo a minnim ho hwee,wɔpaw ahenemma wɔ bere a mempenee so ɛ.Wɔde wɔn dwetɛ ne wɔn sikakɔkɔɔ yɛ ahoni ma wɔn hode sɛe wɔn ankasa ho.5Tow wo nantwi ba ohoni no kyene, Samaria!Mʼabufuwhyew reba wɔn so.Wɔbɛtena nea ɛho ntew mu akosi da bɛn?6Wofi Israel!Saa nantwi ba yi, odwumfo bi na osenii;ɛnyɛ Onyankopɔn!Wobebubu mu asinasin,saa Samaria nantwi ba no.7“Wodua mframana wotwa mfɛtɛ.Awi a egyina hɔ no nni ti;nti wɔrennya siam mfi mu.Sɛ ɛsow aduan mpo a,ahɔho na wobedi.8Wɔamene Israel;afei ɔfra aman no mute sɛ ade a so nni mfaso biara.9Na wɔakɔ Asiriate sɛ wuram afurum a ɔno nko ara nenam.Efraim nso atɔn ne ho ama adɔfo.10Ɛwɔ mu, wɔatɔn wɔn ho wɔ amanaman no mu de,nanso mɛboaboa wɔn ano.Wɔn so befi ase atewwɔ ɔhene kɛse bi nhyɛso ase.11“Ɛwɔ mu sɛ Efraim sisii afɔremuka bebree a wɔbɔ bɔnefakyɛ afɔre wɔ so de,ɛno nti abɛyɛ afɔremuka a wɔyɛ bɔne wɔ so.12Mekyerɛw me mmara a ɛfa nneɛma bebree ho maa wɔn,nanso wɔfaa no sɛ ananafo ade.13Wɔde mʼayɛyɛde bɔ afɔrena wɔwe nam no,nanso wɔnsɔ Awurade ani.Afei ɔbɛkae wɔn atirimɔdensɛmna wɔatwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho:Wɔbɛsan akɔ Misraim.14Israel werɛ afi ne yɛfona wasisi ahemfi akɛseakɛse;Yuda abɔ nkurow bebree ho ban.Nanso mɛto ne nkuropɔn mu gyaa ɛbɛhyew wɔn aban.”