Hosea7twi_aka
1bere biara a mɛsa Israel yare no,Efraim nnebɔne da adi.Samaria awurukasɛm nso da adi.Wɔyɛ nnaadaafoakorɔmfo a wobubu adan ani kɔ afi mu,ne akwamukafo a wɔbɔ korɔn wɔ mmɔnten so.2Na wonhu sɛmekae wɔn nnebɔne nyinaa.Wɔn bɔne bunkam wɔn so;egu mʼanim bere biara.3“Wɔde atirimɔdensɛm gyigye ɔhene no ani,na wɔde atoro nso gyigye ahenemma no ani.4Wɔn nyinaa yɛ aguamammɔfoa akɔnnɔ redɛw wɔ wɔn mu.Wɔte sɛ fononoo a wɔasɔ mu gyabere a brodotofo ahyɛ ase refɔtɔw nʼasikresiam.5Da a ɔhene rehyɛ fa noahenemma bow nsa,na ɔhene no fɛwdifo ne wɔn bɔ mu goru.6Wɔn koma te sɛ fononoo;wɔde atirimpɔw bɔne kɔ ɔhene anim.Wɔn nsusuwii bɔne no dɛɛdɛɛ anadwo mu nyinaa;anɔpa, ɛdɛw te sɛ ogyatannaa.7Wɔn nyinaa ayɛ hyew sɛ fononoo.Wokunkum wɔn sodifo.Wɔn ahemfo nyinaa hwehwe asena wɔn mu biara nsu mfrɛ me.8“Efraim ne aman no adi afra;Efraim yɛ ɔfam a anyinya a wonkisae.9Ananafo twe nʼahoɔden,nanso onhu.Dwen aba ne ti so,nanso nʼani mmaa so ɛ.10Israel ahantan di adanse tia no,nanso eyi nyinaa akyi noɔnnsan nkɔ Awurade ne Nyankopɔn nkyɛn,na ɔnhwehwɛ no nso.11“Efraim te sɛ aborɔnoma,wotumi daadaa no na onni adwene.Ɔfrɛ Misraim,na wadan akɔ Asiria.12Sɛ wɔkɔ a, mɛtow mʼasau agu wɔn so;atwe wɔn aba fam te sɛ wim nnomaa.Sɛ mete sɛ wɔretu abɔ mu a,mɛkyere wɔn.13Nnome nka wɔn,efisɛ wɔatwe wɔn ho afi me ho!Ɔsɛe mmra wɔn soefisɛ wɔatew me so atua!anka mepɛ sɛ migye wɔnnanso wutwa atoro fa me ho.14Wommfi wɔn koma mu nsu mfrɛ me,mmom wotwa adwo wɔ wɔn mpa so.Wɔboaboa wɔn ho ano kɔhwehwɛ aduan ne nsa foforo,nanso wɔtwe wɔn ho fi me ho.15Metetew wɔn, hyɛɛ wɔn den,nanso wɔbɔ pɔw bɔne tia me.16Wɔnhwehwɛ Ɔsorosoroni no;wɔte sɛ tadua a asɛe,wɔn ntuanofo bɛtotɔ wɔ afoa anoefisɛ, wɔnkasa obu so.Eyi nti wobedi wɔn ho fɛwwɔ Misraim asase so.