Hosea5twi_aka

Atemmu A Etia Israel

1“Muntie, mo asɔfo!Monhyɛ eyi nso, mo Israelfo!Monyɛ asow, adehyefi!Saa atemmu yi tia mo:Moayɛ afiri wɔ Mispa,ne asau a wɔagu no Tabor so.2Atuatewfo adɔ mogyahwiegu mu asukɔ.Mɛtwe wɔn nyinaa aso.3Minim Efraim ho nsɛm nyinaa;wɔmfaa Israel nhintaw me ɛ.Efraim, mprempren de wobɔ aguaman;na Israel aporɔw.
4“Wɔn nneyɛe mma wɔ kwanmma wɔnnkɔ Nyankopɔn nkyɛn.Aguamammɔ honhom wɔ wɔn koma mu;wonnye Awurade nto mu.5Israel ahantan di tia no.Israelfo no, mpo Efraim hintihintiw wɔ wɔn amumɔyɛ mu;Yuda nso ne wɔn hintiw saa ara.6Sɛ wɔne wɔn nguan ne wɔn anantwikɔhwehwɛ Awurade aWɔrenhu no,efisɛ watwe ne ho afi wɔn ho.7Wɔanni Awurade nokware.Wɔwowoo aguaman mma.Sɛ wodi wɔn Ɔsram Foforo Afahyɛ a,ɔbɛsɛe wɔn nsase.
8“Hyɛn torobɛnto no wɔ Gibea.Hyɛn mmɛn no wɔ Rama.Momma ɔko nteɛmu so wɔ Bet Awen;Benyamin, monsɔre nni anim.9Efraim bɛda mpanwɔ akontaabu da.Israel mmusuakuw no mu nomepae mu ka nea ɛwɔ mu.10Yuda sodifo no te sɛwɔn a woyiyi ahye so abo.Mehwie mʼabufuw agu wɔn sote sɛ nsuyiri.11Wɔhyɛ Efraim so,wotiatia ne so wɔ atemmu mu,wasi nʼadwene pi sɛ obedi ahoni akyi.12Mɛyɛ sɛ nwewee ama Efraimna mayɛ Yudafo sɛ dua a aporɔw.
13“Bere a Efraim huu ne yare,na Yuda nso huu nʼakuru no,Efraim de nʼani kyerɛɛ Asiria.Ɔsoma kɔɔ ɔhenkɛse no hɔ kɔpɛɛ mmoa.Nanso wantumi ansa no yare,na akuru no nso anwuwu.14Enti mɛyɛ sɛ gyata ama Efraimna mayɛ sɛ gyata hoɔdenfo ama Yuda.Mɛtetew wɔn mu nketenkete, na makɔ;Mɛsoa wɔn akɔ, na obiara rentumi nnye wɔn.15Afei mɛsan akɔ me nkyikosi sɛ wobenya ahonu.Na wɔbɛhwehwɛ mʼakyi kwan;wɔn awerɛhow mu, wɔbɛhwehwɛ me anibere so.”