1Muntie Awurade asɛm, mo Israelfoefisɛ Awurade wɔ kwaadu de bɔmo a mote asase no so:“Nokware, ɔdɔ, anaa Onyankopɔn ho nimdeɛ nni asase no so.2Nnome nko ara, atorotwa ne awudi,akrɔmmɔ, ne aguamammɔna moyɛ ma ɛtra so,na mogyahwiegu ba ntoatoaso.3Eyi nti asase no di awerɛhowna wɔn a wɔte so nyinaa wuwu;wuram mmoa, wim nnomaane po mu nam rewuwu.4“Mma obiara mmɔ kwaadu,mma obiara mmɔ ɔfoforo sobo.Na mmom, mo asɔfomo na me ne mo anya.5Muhintiw awia ne anadwo,na adiyifo no ne mo hintiw.Ɛno nti mɛsɛe mo man.6Nimdeɛ a me nkurɔfo nni nti wɔresɛe.“Sɛ moapo nimdeɛ nti,me nso mapo mo sɛ mʼasɔfo;sɛ moabu mo ani agu mo Nyankopɔn mmara so nti,me nso mabu mʼani agu mo mma so.7Asɔfo no redɔɔso nona bɔne a ɛboro so na wɔyɛ tia me.Wɔde wɔn Anuonyam asesa nea ɛyɛ animguase.8Wodidi me nkurɔfo bɔne hoɛno nti wɔn ani gye atirimɔdensɛm ho.9Sɛnea nnipa no te no, saa ara na asɔfo no nso te.Mɛtwe wɔn nyinaa aso wɔ wɔn akwan hona matua wɔn wɔn nneyɛe so ka.10“Wobedidi, nanso wɔremmee.Wɔbɛbɔ aguaman, nanso wɔn ase remfɛe,efisɛ, wɔagyaw Awurade hɔ,de wɔn ho ama11aguamammɔ,nsa dedaw ne foforo,a ɛma me nkurɔfo12ntease tu yera.Wɔkɔ abisa wɔ ahoni a wɔde nnua asen nkyɛnna duasin bi ama wɔn mmuae.Aguamammɔ honhom rema wɔn ayera kwan;wonni wɔn Nyankopɔn nokware.13Wɔbɔ afɔre wɔ mmepɔw atifina wɔhyew afɔrebɔde wɔ nkoko so:odum, duafufu ne odupɔn ase,nea onwini yɛ fɔmm hɔ.Ɛno nti, wo mmabea dan aguamammɔfona mo nsemmea nso yɛ nguamanfo.14“Merentwe mo mmabea asosɛ wɔadan aguamammɔfo,anaa mo nsemmea asosɛ wɔasɛe aware.Efisɛ mo mmarima, mo nso mote saa ara.Mo ne mmabea ne nsɔreso nguamanfofa ayɔnko.Nnipa a wonni ntease no bɛkɔ ɔsɛe mu!15“Ɛwɔ mu sɛ woyɛ ɔwaresɛefo de, Israel,nanso, mma Yuda nni ho fɔ.“Nkɔ Gilgal;na mforo nkɔ Bet-Awen.Na nka ntam se, ‘Sɛ Awurade te ase yi!’16Israelfo yɛ asoɔdenfote sɛ nantwi ba a ɔyɛ asowuiɛbɛyɛ dɛn na Awurade ahwɛ wɔn sosɛ nguantenmma a wɔwɔ adidibea?17Efraim de ne ho abɔ ahoni ho;Gyaa no!18Sɛ wɔn nsa sa koraa a,wɔtoa wɔn aguamammɔ so;wɔn sodifo ani gye aniwude ho yiye.19Mfɛtɛ bɛpra wɔn akɔ,na wɔn afɔrebɔ de animguase bɛbrɛ wɔn.