Hosea10twi_aka

1Israel yɛɛ bobe a ɛtrɛtrɛw;ɔsow aba maa ne ho.Bere a nʼaba redɔɔso no,osisii afɔremuka bebree;nʼasase rekɔ so yɛ yiye noosiesie nʼabosom dum kronkron no.2Nnaadaasɛm wɔ wɔn koma mu,nti ɛsɛ sɛ wonya wɔn afɔdi so asotwe.Awurade bebubu wɔn afɔremuka,na wasɛe wɔn abosom dum kronkron no.3Afei, wɔbɛka se, “Yenni ɔhene,efisɛ, yɛamfa nidi amma Awurade.Mpo sɛ na yɛwɔ ɔhene koraa a,dɛn na anka obetumi ayɛ ama yɛn?”4Wɔhyɛ bɔ ahorow bebree,wɔka ntamhununa wɔyɛ apam ahorow;ɛno nti mansotwe sɔresɔrete sɛ wura a bɔre wɔ mua afifi asase a wɔafuntum so so.5Nnipa a wɔte Samaria no suro maBet-Awen nantwi ba ohoni no.Ne nkurɔfo besu.Saa ara na nʼakɔmfo nso bɛyɛ,wɔn a wogyee wɔn ani wɔ nʼanuonyam ho no.Efisɛ wɔafa no afi wɔn nkyɛn kɔ nnommum mu.6Wɔde no bɛkɔ Asiria,de akɔhyɛ ɔhene kɛse no anuonyam.Ebegu Efraim anim ase;na Israel ani bewu wɔ ne nnua ahoni ho.7Samaria na ne hene bɛsen akɔte sɛ abaa a ɛtɛn nsu ani.8Wɔbɛsɛe abosonnan a wodi awurukasɛm ne bɔne wɔ mu no.Nsɔe ne nnɛnkyɛnse befifi hɔ,na akata wɔn afɔremuka so.Afei wɔbɛka akyerɛ mmepɔw se, “Mommɛkata yɛn so!”na wase nkoko se, “Munnwiriw ngu yɛn so!”
9“Efi Gibea bere so, woayɛ bɔne, Israel,na hɔ na woaka.Na ɔko rentwiw amfaamumɔyɛfo a wɔwɔ Gibea no so ana?10Bere a mepɛ no, mɛtwe wɔn aso;aman bɛboaboa wɔn ho ano atia wɔn.Wɔde mpokyerɛ begu wɔn wɔ wɔn bɔne dodow ho.11Efraim yɛ nantwi ba a wɔayɛn no,a ɔpɛ awiporowbea adwuma,enti mede konnuabɛto ne kɔn fɛɛfɛ mu.Mɛkyerɛ Efraim ɔkwan,ɛsɛ sɛ Yuda funtum asase no,na Yakob nso siesie so.12Dua trenee aba ma wo ho,twa ɔdɔ aba a ɛtena hɔ daa,siesie wʼasase a womfuntumii so no;na bere adu sɛ wohwehwɛ Awurade,kosi sɛ ɔbɛbaabɛpete trenee agu wo so.13Nanso woadua atirimɔden aba,na woatwa aba bɔne.Woadi nnaadaa aba.Efisɛ wode wo ho ato wʼahoɔdenne wʼakofo bebrebe no so,14ɔko mu huuyɛ bɛsɔre atia wo nkurɔfo,na wʼaban nyinaa bɛsɛe,sɛnea Salman sɛee Bet Arbel ɔko da no,da a wɔde ɛnanom ne wɔn mma hwehwee fam no.15Saa ara na ɛbɛba wo so, Bet-El,efisɛ wʼatirimɔdensɛm no dɔɔso.Sɛ da no du a,Wɔbɛsɛe Israelhene no koraa.