1 Mose (Gyenesis)46twi_aka
Yakob Kɔ Misraim
1Enti Israel de nʼahode nyinaa sii mu koduu Beer-Seba. Ɔbɔɔ Onyankopɔn a na nʼagya Isak som no no afɔre wɔ hɔ.2Anadwo anisoadehu mu no, Onyankopɔn frɛɛ Yakob se, “Yakob! Yakob!” Yakob gyee so se, “Me ni.”3Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, “Mene Onyankopɔn. Onyankopɔn a wʼagya som no. Nsuro sɛ wobɛkɔ Misraim, efisɛ mɛma wʼase adɔ ayɛ ɔman kɛse wɔ hɔ.4Mʼankasa ne wo bɛkɔ Misraim, na masan de wo aba ha. Edu bere a worebewu a, wubewu wɔ Yosef nsam.”5Na Yakob sii mu fii Beer-Seba. Israelmma no de wɔn agya Yakob, wɔn yerenom ne wɔn mma tenatenaa nteaseɛnam a Farao soma ma wɔde bɛfaa wɔn no mu.6Wɔfaa wɔn mmoa ne wɔn agyapade a wɔanya wɔ Kanaan asase so no nyinaa kaa wɔn ho kɔɔ Misraim. Yakob ne nʼasefo nyinaa sii mu kɔɔ Misraim.7Israel de ne mmabarima, ne nenanom, ne mmabea ne wɔn mma a wɔn nyinaa yɛ nʼasefo kaa ne ho kɔɔ Misraim.8Din a edidi so yi yɛ Israelfo, Yakob asefo a ɔde wɔn kɔɔ Misraim.Ruben yɛ Yakob abakan.9Ruben nso mmabarima din na edidi so yi: Hanok, Palu, Hesron ne Karmi.10Simeon nso mmabarima yɛ: Yemuel, Yamin, Ohad, Yakin, Sohar ne Saulo a ne na yɛ Kanaanni.11Lewi mmabarima din na edidi so yi: Gerson, Kohat ne Merari.12Yuda nso mmabarima yɛ: Er, Onan, Sela, Peres ne Serah. Nanso Er ne Onan de, wowuwuu wɔ Kanaan asase so ansa na Israel reba Misraim asase so. Peres mmabarima yɛ: Hesron ne Hamul.13Isakar mmabarima nso yɛ: Tola, Puwa, Hiob ne Simron.14Sebulon mmabarima nso yɛ: Sered, Elon ne Yakleel.15Wɔn a wɔabobɔ wɔn din yi yɛ Lea mma a ɔne Yakob woo wɔ Paddan-Aram a ne babea Dina nso ka ho. Saa mmabarima ne ne babea yi nyinaa dodow si nnipa aduasa abiɛsa.16Gad nso mma din na edidi so yi: Sifion, Hagi, Suni, Esbon, Eri, Arodi ne Areli.17Aser nso mma din na edidi so yi: Yimna, Isua, Isui ne Beria ne wɔn nuabea Sera. Beria nso mma yɛ: Heber ne Malkiel.18Eyinom nso ne Silpa, afenaa a Laban de no maa ne babea Lea a ɔno nso de no maa ne kunu Yakob waree no mma. Wɔn nyinaa dodow ano si nnipa dunsia.19Yakob yere Rahel mma yɛ: Yosef ne Benyamin.20Yosef ne ne yere Asnat, a ɔyɛ Potifera a ɔyɛ On bosomfo babea woo Manase ne Efraim wɔ Misraim.21Benyamin nso mmabarima din na edidi so yi: Bela, Beker, Asbel, Gera, Naaman, Ehi, Ros, Mupim, Hupim ne Ard.22Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi yɛ Rahel mmabarima a ɔne Yakob woe. Wɔn nyinaa dodow yɛ nnipa dunan.23Dan babarima yɛ Husim.24Naftali nso mmabarima din na edidi so yi: Yahseel, Guni, Yeser ne Silem.25Bilha a ɔyɛ Laban afenaa a ɔde no maa ne babea Rahel mmabarima a ɔne Yakob woo no na wɔabobɔ wɔn din yi. Na wɔn dodow yɛ nnipa baason.26Nnipa a Yakob de wɔn kɔɔ Misraim nyinaa, a wɔyɛ nʼasefo ankasa, a ne mmabarima yerenom nka ho dodow yɛ aduosia asia.27Sɛ wɔde Yosef mmabarima baanu a ɔwoo wɔn wɔ Misraim no ka ho a, na Yakob asefo a ɔde wɔn kɔɔ Misraim no nyinaa dodow yɛ nnipa aduɔson.