Ɛsra2twi_aka

1Eyinom ne Yudafo nnommum a wɔwɔ amantam no mu a wofi asutwa mu baa Yerusalem ne Yuda nkurow bi so no. Ɔhene Nebukadnessar na otwaa wɔn asu kɔɔ Babilonia.2Na wɔn ntuanofo yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia,Seraia, Reelaia, Mordekai, Bilsan, Mispar, Bigwai, Rehum ne Baana.
Israel mmarima a wofi asutwa mu bae no dodow ni:
3Dodow a wɔyɛParos asefo2,1724Sefatia asefo3725Arah asefo7756Pahat-Moab asefo (Yesua ne Yoab asefo)2,8127Elam asefo1,2548Satu asefo9459Sakai asefo dodow yɛ76010Bani asefo dodow yɛ64211Bebai asefo dodow yɛ62312Asgad asefo dodow yɛ1,22213Adonikam asefo dodow yɛ66614Bigwai asefo dodow yɛ2,05615Adin asefo dodow yɛ45416Ater asefo (Hesekia asefo) dodow yɛ9817Besai asefo dodow yɛ32318Yora asefo dodow yɛ11219Hasum asefo dodow yɛ22320Gibar asefo dodow yɛ9521Betlehemfo dodow yɛ12322Netofafo dodow yɛ5623Anatotfo dodow yɛ12824Asmawetfo dodow yɛ4225Kiriat-Yearimfo, Kefirafo ne Beerotfo dodow yɛ74326Ramafo ne Gebafo dodow yɛ62127Mikmasfo dodow yɛ12228Bet-Elfo ne Aifo dodow yɛ22329Nebo ɔmanmma dodow yɛ5230Magbis ɔman dodow yɛ15631Elam ɔmanmma dodow yɛ1,25432Harim ɔmanmma dodow yɛ32033Lod, Hadid ne Ono manmma dodow yɛ72534Yeriko ɔmanmma dodow yɛ34535Senaa ɔmanmma dodow yɛ3,630
36Eyinom ne asɔfo dodow a wofi nnommum mu bae: Yedaia asefo (a wɔnam Yesua fi so) dodow yɛ97337Imer asefo dodow yɛ1,05238Pashur asefo dodow yɛ1,24739Harim asefo dodow yɛ1,017
40Eyinom ne Lewifo a wofi nnommum mu bae: Yesua ne Kadmiel asefo (Hodawia asefo) dodow yɛ74
41Nnwontofo: Asafasefo mu nnwontofo dodow yɛ128
42Aponanohwɛfo:Salum, Ater, Talmon asefoAkub, Hatita ne Sobai asefo139
43Saa asɔredan mu asomfo asefo yi na wofi nnommum mu bae: Siha, Hasufa, Tabaot,44Keros, Siaha, Padon,45Lebana, Hagaba, Akub,46Hagab, Samlai, Hanan,47Gidel, Gahar, Reaia,48Resin, Nekoda, Gasam,49Usa, Paseah, Besai,50Asna, Meunim, Nefisi,51Bakbuk, Hakufa, Harhur,52Baslut, Mehida, Harsa,53Barkos, Sisera, Tema,54Nesia ne Hatifa.55Ɔhene Salomo asomfo asefo yi nso fi nnommum mu bae: Sotai, Hasoferet, Peruda,56Yaala, Darkon, Gidel,57Sefatia, Hatil,Pokeret-Hasebaim ne Ami.58Na asɔredan mu asomfo ne Salomo asomfo asefo no dodow yɛ362
59Saa bere no, kuw foforo a wofi Tel-Melah, Tel-Harsa, Kerub, Adan ne Imer nkurow so san baa Yerusalem. Nanso wɔantumi ankyerɛ mu sɛ, wɔn anaa wɔn abusuafo yɛ Israel asefo. Saa nnipakuw yi ne:60Delaia, Tobia ne Nekoda mmusua a wɔn dodow yɛ652
61Asɔfo mmusua abiɛsa: Habaia, Hakos ne Barsilai no nso san baa Yerusalem. (Saa Barsilai yi, na waware Barsilai a ofi Gilead no mmabea no mu baako a enti na wafa nʼabusua din.)62Nanso, na wɔayera wɔn anato nhoma no nti wɔmma wɔn ho kwan ansom sɛ asɔfo.63Na amrado no mma kwan mma wonnni afɔrebɔ nnuan mu kyɛfa mpo, gye sɛ ɔsɔfo bi wɔ hɔ a ɔnam ntontobɔ kronkron so bisa Awurade.
64Enti nnipa a wɔsan baa Yuda no nyinaa dodow yɛ mpem aduanan abien, ahaasa ne aduosia (42,360),65a asomfo mpem ason ahaasa aduasa ason (7,337) nka ho, ne nnwontofoahannu (200) a wɔyɛ mmarima ne mmea.66Wɔde apɔnkɔ ahanson aduasa asia (736), mfurum ahannu aduanan anum (245),67yoma ahannan aduasa anum (435) ne mfurumpɔnkɔ mpem asia ne ahanson aduonu (6,720) kaa wɔn ho kɔe.
68Bere a woduu Awurade asɔredan no ho wɔ Yerusalem no, abusua ntuanofo no bi fii koma pa mu yii ntoboa a wɔde besiesie Awurade asɔredan no wɔ ne sibea dedaw mu hɔ.69Na ntuanoni biara maa nea obetumi. Akyɛde a wɔde mae no nyinaa ano sii sikakɔkɔɔ sika nnwetɛbona mpem aduosia baako (61,000), dwetɛ nkaribo pɔn mpem ahansia ahannu aduonum (600,250) na asɔfotade ɔha (100) a wɔde bɛma asɔfo.70Enti asɔfo, Lewifo, nnwontofo, aponanohwɛfo, asɔredan mu asomfo ne ɔmanmma no bi tenaa nkuraa a ɛbɛn Yerusalem no. Nkae no san kɔɔ Yuda nkurow afoforo bi a wofi hɔ bae no so.