1Awurade asɛm baa me nkyɛn se,2“Onipa ba, eyi ne asɛm a Otumfo Awurade ka kyerɛ Israel asase no:“ ‘Awiei no! Awiei no aduasase no ntwea anan no so.3Awiei no adu wɔ wo so,na mehwie mʼabufuwhyew agu wo so.Megyina wʼabrabɔ so abu wo atɛn namatua wo ka wɔ wo nneyɛe bɔne nyinaa ho.4Merenhu wo mmɔbɔna meremfa wo ho nkyɛ wo.Ampa ara metua wo ka wɔ wo subanne nneyɛe bɔne a ɛwɔ wo mu no ho,na moahu sɛ mene Awurade.’5“Sɛɛ na Otumfo Awurade se:“ ‘Atoyerɛnkyɛm! Atoyerɛnkyɛm a wontee danam kwan so reba.6Awiei no aba!Awiei no aba!Ama ne ho so atia wo.Aba!7Ɔsɛe aba mo so,aba mo a mote asase no so no so.Bere no adu, da no abɛn;huboabɔ a ɛnyɛ mmepɔw so ahosɛpɛw.8Merebehwie mʼabufuwhyew agu wo sode awie mʼabufuw a etia wo no.Megyina wo nneyɛe so abu wo atɛn,na matua wo nneyɛe bɔne nyinaa so ka.9Merenhu wo mmɔbɔ,na meremfa wo ho nkyɛ wo.Metua wo ka wɔ wo subanne nneyɛe bɔne a ɛwɔ wo mu no ho.Afei mubehu sɛ me, Awurade, na mebobɔ mo.10“ ‘Da no ni;hwɛ, aba!Atemmuda no apue,abaa no afefɛw,ahantan ahaahan!11Kitikitiyɛ asɔre, abaaa wɔde twe amumɔyɛ aso.Ɛrenka nnipa no mu biara,dɔm no mu biara,ahonyade ne nea ɛsom bo biara renka.12Bere no aso,da no adu.Mma adetɔni ani nnyeanaa ɔdetɔnfo werɛ nhow,efisɛ abufuwhyew wɔ nnipadɔm no nyinaa so.13Nea ɔtɔn no nsa renka asasea watɔn no biowɔ bere a wɔn baanu te ase,efisɛ anisoadehu a ɛfa nnipadɔmno nyinaa ho no rensesa.Wɔn bɔne nti, wɔn mu baako koraaremfa ne ho nni.14“ ‘Wɔahyɛn akobɛn no,na wɔboaboa biribiara ano de,nanso obiara renkɔ ɔsa,efisɛ mʼabufuwhyew wɔ nnipakuw no nyinaa so.15Afoa wɔ mfikyirina ɔyaredɔm ne ɔkɔm wɔ fie;wɔn a wɔwɔ ɔman no mubɛtotɔ wɔ afoa ano.Wɔn a wɔwɔ kuropɔn no mu no,ɔyaredɔm ne ɔkɔm bekum wɔn.16Wɔn a wɔanya wɔn ti adidi muna wɔaguan no bɛtena mmepɔw no so.Na wɔakurum te sɛaku mu mmorɔnoma,wɔn mu biara bɔne nti.17Nsa nyinaa bedwudwona nkotodwe nyinaa ayɛ mmrɛw sɛ nsu.18Wobefurafura atweaatamna wɔabɔ huboa.Aniwu bɛkata wɔn animna wɔayi wɔn tinwi.19“ ‘Wɔbɛtow wɔn dwetɛ agu mmɔnten so,na wɔn sikakɔkɔɔ bɛyɛ ade a ɛho ntew.Wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔrentumi nnye wɔnAwurade abufuwhyew da no.Ɛrenkum wɔn kɔmna ɛrenhyɛ wɔn yafunu ma,efisɛ ayɛ wɔn hintidua de wɔn akɔ bɔne mu.20Na wɔde wɔn nnwinne afɛfɛ no hoahoa wɔn ho,na wɔde yeyɛɛ wɔn ahoni a ɛyɛ akyiwadene nsɛsode tantan.Enti mɛdan eyinom nneɛma a ho ntew no ama wɔn.21Mede ne nyinaa bɛma ananafo sɛ asadena mede ama asase so atirimɔdenfo sɛ akorɔnne,na wobegu ho fi.22Meyi mʼani afi wɔn sona wobegu beae a ɛsom me bo no ho fi.Akorɔmfo bewura hɔna wɔagu ho fi.23“ ‘Monyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn,efisɛ mogyahwiegu ayɛ asase no so ma,na akakabensɛm ahyɛ kuropɔn no ma.24Mɛma aman no mu otirimɔdenfo pa araabɛfa wɔn afi;mɛma ɔhoɔdenfo ahomaso aba awiei,na wɔn kronkrommea ho begu fi.25Sɛ ehu ba a,wɔbɛhwehwɛ asomdwoe akyi kwan nanso ɛbɛbɔ wɔn.26Atoyerɛnkyɛm bedi atoyerɛnkyɛm akyi aba;huhuhuhu bedi huhuhuhu akyi.Wɔbɛpɛ sɛ wobenya anisoadehu afi odiyifo no hɔ,asɔfo no nkyerɛkyerɛ a ɛfa mmara no ho no bɛbɔ wɔn,saa ara na wɔrennya afotu mfi mpanyimfo hɔ.27Ɔhene no betwa adwo,ɔheneba no befura abawpa,na asase no so nnipa nsa bɛpopo.Me ne wɔn bedi no sɛnea wɔn nneyɛe tena megyina wɔn tebea so abu wɔn atɛn.Afei wobehu sɛ me ne Awurade no.’ ”