Hesekiel3twi_aka
1Awurade ka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, di nea wuhu wɔ wʼanim no, di saa nhoma mmobɔwee yi, na afei kɔ na kɔkasa kyerɛ Israelfo.”2Enti mibuee mʼanom na ɔde nhoma mmobɔwee no maa me dii.3Afei ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, di saa nhoma mmobɔwee a mede rema wo yi fa hyɛ wo yafunu ma.” Enti midii na na ɛyɛ dɛ te sɛ ɛwo wɔ mʼanom.4Na ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, afei kɔ Israelfo nkyɛn na kɔka me nsɛm kyerɛ wɔn.5Ɛnyɛ nnipa bi a wɔn kasa mu nna hɔ anaa ntease nni mu nkyɛn na meresoma wo, mmom meresoma wo Israelfo hɔ.6Ɛnyɛ nnipa bebree a wɔn kasa mu nna hɔ na ɛyɛ den, wɔn a wonte wɔn kasa ase nkyɛn. Ampa, sɛ mesomaa wo wɔ saa nnipa yi nkyɛn a, anka wotiee wo.7Nanso Israelfo mpɛ sɛ wotie wo, efisɛ wɔmpɛ sɛ wotie me. Israel nyinaa ayɛ komapirim ne asoɔden.8Ɛno nti mɛma woayɛ asoɔden ne komapirim te sɛ wɔn.9Mɛyɛ wo moma dennen sɛ apemmo, nea ɛyɛ den sen ɔtwɛrebo. Nsuro wɔn na mma wɔmmɔ wo hu, ɛwɔ mu sɛ wɔyɛ atuatewfo de.”10Na ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, tie me nsɛm a meka kyerɛ wo no yiye na dwene ho wɔ wo koma mu.11Afei kɔ wo nkurɔfo a wɔwɔ nnommum mu na kasa kyerɛ wɔn. Se wɔn sɛ, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se,’ sɛ wobetie oo, sɛ wɔrentie oo.”12Na Honhom no maa me so kɔɔ soro na metee sɛ nnyigyei dennen bi reworo so wɔ mʼakyi bere a na Awurade anuonyam rema ne ho so wɔ ne gyinabea hɔ no13Na ɛyɛ nnyigyei a efi ateasefo no ntaban a ɛkeka twiw ho ne nkyimii a ɛwowɔ wɔn ho no. Nnyigyei dennen a ɛworo so.14Honhom no maa me so kɔɔ soro de me kɔɔ baabi, mekɔɔ no nweenwen ne honhom mu abufuw so, a na Awurade tumi yɛ kɛse wɔ me so.15Mebaa nnommum a wɔtete Tel Abib a ɛbɛn Asubɔnten Kebar no nkyɛn. Na hɔ na me ne wɔn tenaa nnanson, na me ho dwiriw me.