1Awurade asɛm baa me nkyɛn se:2“Onipa ba, ka kyerɛ Tiro sodifo no se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se:“ ‘Wufi wʼahantan koma mu ka se,“Meyɛ onyame;mete onyame bi ahengua sowɔ po mfimfini.”Nanso woyɛ onipa, wonyɛ onyame,ɛwɔ mu, wudwen sɛ wunim nyansa sɛ onyame bi.3Wunim nyansa sen Daniel ana?Wunim kokoamsɛm biara ana?4Wonam wo nyansa ne nhumu soanya ahode ama wo ho,woapɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ bebreeagu wʼadekoradan mu.5Wonam wʼaguadi mu nyansa soama wʼahonya adɔɔso,na wʼahonya ntiwoahoran wɔ wo koma mu.6“ ‘Ɛno nti sɛɛ na Otumfo Awurade se:“ ‘Esiane sɛ wudwen sɛ wunim nyansate sɛ Onyame nti,7mede ananafo reba abetia wo,amanaman no mu ɔdesɛefo pa ara;wɔbɛtwetwe wɔn afoawɔ wʼahoɔfɛ ne wo nyansa sona wɔahwirew wʼanuonyam no.8Wɔde wo bɛto amoa no mu,na wubewu owu yaayawwɔ ɛpo mfimfini.9Afei wobɛka se, “Meyɛ onyame,”wɔ wɔn a wokum wo no anim ana?Wobɛyɛ onipa na ɛnyɛ onyame,wɔ wɔn a wokum wo no nsam.10Wubewu momonotofo wuwɔ ananafo nsam.Me na maka, Otumfo Awurade asɛm ni.’ ”11Awurade asɛm baa me nkyɛn se:12“Onipa ba, ma kwadwom a ɛfa Tirohene ho so na ka kyerɛ no se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se:“ ‘Na anka woyɛ pɛyɛ nhwɛso,na wowɔ nyansa na woyɛ ahoɔfɛdua.13Na anka wowɔ EdenOnyankopɔn turo no mu.Wɔde abohemaa nyinaa siesie wo:bogyanambo, akraatebo ne bɔwerɛbosikabereɛbo, apopobibiribo ne ahwehwɛbo,hoabo, nsrammabo ne ahabammono bo;wɔde sika kɔkɔɔ na ayɛ wʼahyehyɛde,wosiesiee ne nyinaa da a wɔbɔɔ wo.14Wɔsraa wo ngo sɛ ɔhwɛfo kerub,efisɛ saa na mehyɛɛ wo.Na wowɔ Onyankopɔn bepɔw kronkron no so;wonantew ogya abo mu.15Na anka wʼakwan ho nni asɛmefi da a wɔbɔɔ wo nokosii sɛ wohuu amumɔyɛ wɔ wo mu.16Wʼaguadi a mu trɛw no ntiwɔde akakabensɛm hyɛɛ wo mana woyɛɛ bɔne.Ɛno nti mepam wo fiiOnyankopɔn bepɔw no so wɔ animguase mu,na miyii wo adi, ɔhwɛfo kerub,fii ogya abo no mu.17Wohyerɛn wɔ wo koma muwʼahoɔfɛ ntina womaa wo nyansa porɔwee,wʼanuonyam no nti.Enti metow wo kyenee fam;na mede wo yɛɛ ahwɛde wɔ ahemfo anim.18Wode wo nnebɔne ne aguadi mu asisiagu wo kronkrommea ho fiɛno nti memaa ogya fii wo muna ɛhyew wo,na memaa wo dan nsõ wɔ famwɔ wɔn a na wɔrehwɛ no nyinaa anim.19Aman a na wonim wo nyinaaho adwiriw wɔn wɔ wo ho:wʼawiei ayɛ ahometewna wɔrenhu wo bio.’ ”
Nkɔmhyɛ A Etia Sidon
20Awurade asɛm baa me nkyɛn se:21“Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Sidon na hyɛ nkɔm tia no22na ka se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se:“ ‘Me ne wo anya, Sidonna mɛda mʼanuonyam adi wɔ mo mu.Wubehu sɛ mene Awurade no,bere a mede asotwe aba ne sona mada me ho adi sɛ ɔkronkronni wɔ ne mu no.23Mɛma ɔyaredɔm aba ne sona mama mogya ateɛ wɔ ne mmɔnten so.Apirafo bɛtotɔ wɔ ne mu,bere a afoa redi ahim wɔ ne ho nyinaa.Afei na wobehu sɛ mene Awurade no.24“ ‘Na Israelfo rennya yɔnkonom a wɔwɔ adwemmɔne, wɔn a wɔwowɔ yayaayaw sɛ ohwirem ne nsɔe bio. Afei na wobehu sɛ mene Otumfo Awurade no.25“ ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Sɛ meboa Israelfo ano fi aman a wabɔ wɔn apete no so a, mɛda me kronkronyɛ adi wɔ wɔn mu, ama amanaman no ahu. Afei wɔbɛtena wɔn ankasa asase a mede maa me somfo Yakob no so.26Wɔbɛtena hɔ asomdwoe mu na wobesisi adan, ayeyɛ bobe nturo; Wɔbɛtena ase asomdwoe mu wɔ bere a matwe ne yɔnkonom a wɔkasa tiaa no no nyinaa aso. Afei wobehu sɛ mene Awurade, wɔn Nyankopɔn no.’ ”