2 Mose (Ɛksodɔs)25twi_aka
Hyiadan Afɔrebɔ
1Awurade ka kyerɛɛ Mose se,2“Ka kyerɛ Israelfo no se, wɔmmɔ afɔre mma me.3“Saa nneɛma a edidi so yi mu na womfi mmɔ me afɔre no:“sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere,4ntama tuntum, koogyan bibiri tam; koogyan tam, sirikyi, abirekyi ho nwi,5odwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, mmirekyi nhoma, ɔkanto dua,6kanea ngo, ɔsra ngo, nnuhuam a wɔhyewee,7abo a nʼahosu te sɛ apopobibiri, abo a wɔde betuatua asɔfotadene nkatabo mu.8“Afei monyɛ kronkronbea mma me, na mɛtena wɔn mu.9Monyɛ ntamadan yi ne ne nsiesiemu nyinaa sɛnea mɛkyerɛ mo no pɛpɛɛpɛ.