Ɔsɛnkafo7twi_aka

Nimdeɛ

1Din pa yɛ sen aduhuam papa,na owuda yɛ sen awoda.2Eye sɛ obi bɛkɔ ayi asesen sɛ ɔbɛkɔ aponto ase,efisɛ owu yɛ onipa biara nkrabeana ɛsɛ sɛ ateasefo hyɛ eyi nsow.3Awerɛhow ye sen ɔserew,efisɛ anim a ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ de koma mu nsiesie pa ba.4Onyansafo koma wɔ ayi ase,nanso nkwaseafo koma wɔ ahosɛpɛwfo fi.5Eye sɛ wobetie onyansafo animkasen sɛ wobetie nkwaseafo dwom.6Sɛnea nsɔe turuturuw wɔ ɔsɛn ase nosaa ara na nkwaseafo serew te.Eyi nso yɛ ahuhude.
7Asisi ma onyansafo dan ɔkwasea,na kɛtɛasehyɛ sɛe koma.
8Asɛm awiei ye sen ne mfiase,na ntoboase ye sen ahantan.9Mma wo koma nsɔre ntɛmntɛm,na abufuw da nkwaseafo srɛ so.
10Nka se, “Adɛn nti na tete nna no ye sen nnɛ mmere yi?”Onyansafo mmisa nsɛm sɛɛ.
11Nimdeɛ, ɛyɛ ade pa sɛ agyapade ara pɛ,so wɔ mfaso ma wɔn a wohu owia.12Sɛnea nimdeɛ yɛ bammɔ no,saa ara na sika nso te;nanso nhumu ho ade a eye ne sɛ:nea ɔwɔ nimdeɛ no bɔ ne nkwa ho ban.13Dwene nea Onyankopɔn ayɛ ho:Hena na obetumi ateɛnea wɔama akyea?14Mmere pa mu, ma wʼani nnye;nanso mmere bɔne mu, hu sɛOnyankopɔn na wayɛ ne nyinaa.Ɛno nti onipa rentumi nhunea ɛbɛto no daakye.15Me nkwanna a ɛyɛ ahuhude yi mu, mahu nneɛma abien:Ɔtreneeni a owu wɔ ne trenee mu,ne omumɔyɛfo a ɔtena ase kyɛ wɔ nʼamumɔyɛ mu.16Nyɛ wo ho ɔtreneeni ntra so,na nyɛ wo ho onyansafo mmoro so;adɛn nti na wosɛe wo ho?17Nyɛ omumɔyɛfo ntra so,na nyɛ ɔkwasea nso,adɛn nti na ɛsɛ sɛ wuwu ansa na wo bere aso.18Eye sɛ wubeso baako no mu dennanso nnyaa nea aka no mu.Onipa a osuro Onyankopɔn no besiw nneyɛe mmoroso nyinaa ano.
19Nimdeɛ ma onyansafo baako tumi bebreesen kuropɔn mu asodifo du.
20Onipa treneeni biara nni asase so aɔyɛ papa na ɔnyɛ bɔne da.
21Mfa nea nnipa ka nyinaa nyɛ asɛm,anyɛ saa a wobɛte sɛ wo somfo redome wo,22na wunim wɔ wo koma sɛwo nso woadome nkurɔfo mpɛn bebree.23Mede nimdeɛ asɔ eyinom nyinaa ahwɛ, na mekae se,“Masi mʼadwene pi sɛ mɛyɛ onyansafo”nanso na eyi boro me so.24Sɛnea nimdeɛ te biara,ɛwɔ akyiri na emu dɔ,hena na obetumi ahwehwɛ ahu?25Afei meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛte ase,ayɛ nhwehwɛmu na mapɛɛpɛɛ nimdeɛ ne sɛnea nneɛma nhyehyɛe tena mate amumɔyɛ mu agyimisɛm ase,ne nkwaseasɛm mu adammɔsɛm nso.
26Mahu nea ɛyɛ nwene sen owu;ɔbea a ɔyɛ afiri;ne koma yɛ nnaadaana ne nsa yɛ mpokyerɛ.Onipa a ɔsɔ Onyankopɔn ani no renkɔ ne honanso ɔbɔnefo de ɔbɛtɔ nʼafiri mu.27Ɔsɛnkafo no se, “Hwɛ eyi ne nea mahwehwɛ ahu:“Mekekaa nneɛma bobɔɔ so pɛɛ sɛ mihu sɛnea nneɛma nhyehyɛe te,28mereyɛ nhwehwɛmu,na minhu hwee no,mihuu ɔbarima treneeni baako wɔ mmarima apem mu,nanso manhu ɔbea treneeni biara wɔ wɔn mu.29Eyi nko ara na mahu:Onyankopɔn yɛɛ adesamma atreneefo,nanso nnipa adan wɔn ho hwehwɛ nhyehyɛe foforo.”