Ɔsɛnkafo12twi_aka
1Kae wo Bɔfowɔ wo mmerantebere mu,ansa na nnabɔne no abana mfe a wobɛka se,“Minni mu anigye biara” no reba,2ansa na owia ne hann,ɔsram ne nsoromma aduru sum,na omununkum asan aba osutɔ akyi.3Bere a ofi no awɛmfo ho popo,na mmarima ahoɔdenfo akom,bere a awiyamfo agyae adwumayɛ, sɛ wosua ntina wɔn a wɔhwɛ pema mu no ani so ayɛ kusuu;4bere a wɔatoto abɔnten no apon muna awiyambea nnyigyei ano abrɛ ase;bere a nnipa te nnomaa su na wɔanyan,nanso wɔn nnwonto ano abrɛ ase;5bere a nnipa suro sorokɔne mmɔnten so amanenyasɛm;bere a “ɔsonkoran” dua begu nhwirenna tɛwtɛw twe ne ho kɔ nona nkatede ho adwudwo.Afei onipa kɔ ne daa home muna agyaadwotwafo tu gu mmɔnten so.6Kae no, ansa na dwetɛ hama no atew,anaasɛ sikakɔkɔɔ asanka no abɔ;ansa na sukuruwa no abobɔ wɔ asuten ho,anaasɛ asubura so nkyimii abubu,7na dɔte san kɔ asase a efi mu bae,na honhom no tu kɔ Onyankopɔn a ɔde mae no nkyɛn.8“Ahuhude mu ahuhude” ɔsɛnkafo no na ose.“Biribiara yɛ ahuhude!”