Amos6twi_aka
1Nnome nka mo a mugye mo ho di wɔ Sion,ne mo a mo asom adwo mo wɔ Samaria bepɔw so,mo atitiriw a mowɔ ɔman a edi kan mu,a Israelfo ba mo nkyɛn!2Monkɔ Kalne nkɔhwɛ hɔ.Na mumfi hɔ nkɔ Hamat kɛse mu,munsian nkɔ Gat a ɛwɔ Filistia.Woye sen mo ahemman abien no?Wɔn asase no so sen mo de no ana?3Mutu da bɔne hyɛ dana motwe atemmuda bɛn.4Modeda asonse mpa somugye mo ahome wɔ mo nnae mu,na mowe nguantenmma nenantwimma a wɔadodɔ srade nam.5Mode mo sankuten to ahuhunnwom,na mobɔ mo tirim yɛ nnwom wɔmo nnwontode so te sɛ Dawid.6Monom nsa wɔ nkora muna mode sradehuam papa yɛ mo ho,na munni awerɛhow wɔ Yosef sɛe ho.7Ɛno nti, mobɛka wɔn a wodi kan twa wɔn asu no ho;na mo aponto ne mo ahomegye to betwa.