1Muntie saa asɛm a Awurade aka atia mo yi, Israelfo, nea etia abusua a miyii wɔn fii Misraim no nyinaa:2“Mo nko ara na mayi mowɔ mmusua a ɛwɔ asase so nyinaa mu;enti mɛtwe mo asowɔ mo bɔne nyinaa ho.”3Nnipa baanu betumi abɔ mu anantew,wɔ bere a wɔnyɛɛ nokoro ana?4Gyata bobɔ mu wɔ ɔdɔtɔ asewɔ bere a onhuu hanam biara ana?Ɔbobɔ mu wɔ ne tu muwɔ bere a ɔnkyeree hanam biara ana?5Anomaa bɛtɔ afiri mu wɔ famwɔ baabi a wonsum afiri ana?Afiri huan konkɔn hɔ wɔbere a enyii aboa ana?6Sɛ wɔhyɛn torobɛnto wɔ kuropɔn mu annipa no ho mpopo ana?Sɛ atoyerɛnkyɛm ba kuropɔn bi mu aɛnyɛ Awurade na ɔyɛe ana?7Ampa ara, Otumfo Awurade nyɛ biribia ɔnna ne nhyehyɛe adinkyerɛ nʼAsomafo adiyifo no.8Gyata no abobɔ mu,hena na onnsuro?Otumfo Awurade akasa,hena na ɔrenhyɛ ho nkɔm?9Mompae mu nka nkyerɛ Asdod abanne Misraim aban:“Mommoaboa mo ho ano wɔ Samaria mmepɔw so;hwɛ basabasayɛ a ɛwɔ no sone nhyɛso a ɛwɔ ne nkurɔfo mu.”10“Wonnim sɛnea wɔyɛ nea eye,”sɛnea Awurade se ni.“Wɔde nneɛma a wɔafow ne nea wɔawiasie wɔ wɔn aban mu.”11Ɛno nti, sɛɛ na Otumfo Awurade se,“Ɔtamfo bi betwiw afa mo asase no so;Obebubu mo bammɔ agu,na wɔafow mo aban.”12Nea Awurade se ni:“Sɛnea oguanhwɛfo gyeanan abien nnompe anaa aso sin pɛfi gyata anum no,saa ara na wobegye Israelfo nkwa,wɔn a wɔtete wɔn mpa ntwea so wɔ Samaria,ne wɔn a wɔdeda nkongua pa mu wɔ Damasko no.”13“Tie eyi, na di adanse tia Yakobfi,”sɛnea Awurade, Asafo Awurade Nyankopɔn se ni.14“Da a mɛtwe Israel aso wɔ ne nnebɔne ho no,mɛsɛe afɔremuka a ɛwɔ Bet-El;wobetwitwa afɔremuka no mmɛnna abu ahwe fam.15Medwiriw awɔwbere mu ofine ahuhurubere mu ofi agu;na afi a wɔde asonse adura ho no wɔbɛsɛe nona afi akɛse no nso wobebubu agu,”sɛnea Awurade se ni.