1 Ahemfo4twi_aka
Salomo Mpanyimfo Ne Amradofo
1Enti Ɔhene Salomo dii Israel nyinaa so hene.2Na eyinom ne ne mpanyimfo:Sadok babarima Asaria.3Sisa mmabarima Elihoref ne Ahiya na na wɔyɛ asennii akyerɛwfo no. Ahilud babarima Yehosafat na na ɔyɛ adehye abakɔsɛm kyerɛwfo.4Yehoiada babarima Benaia na na ɔyɛ asraafo so sahene no; Sadok ne Abiatar na na wɔyɛ asɔfo.5Natan babarima Asaria na na ɔyɛ amansin amradofo titenani. Natan babarima Sabud a na ɔyɛ ɔsɔfo no, na na ɔyɛ ɔhene fotufo a ɔde ne ho to ne so.6Ahisar na na ɔyɛ ahemfi sohwɛfo. Abda babarima Adoniram na na ɔhwɛ adwumayɛfo so.7Na Salomo wɔ amansin amradofo dumien wɔ Israel nyinaa mu. Na wɔn adwuma ne sɛ, wogye nnuan fi ɔmanfo nkyɛn de kɔma ahemfifo. Wɔn mu biara hwɛ di saa dwuma yi ɔsram baako wɔ afe biara mu.8Saa amradofo dumien no din na edidi so yi:
Na Ben-Hur wɔ Efraim bepɔw asase so.9Na Ben-Deker hwɛ Makas, Saalbim, Bet-Semes ne Elon-Bet-Hanan so.10Na Ben-Hesed hwɛ Arubot a Soko ne nsase a ɛwɔ Hefer nyinaa ka ho no so.11Na Ben-Abinadab wɔ Nafat-Dor. (Ɔwaree Salomo babea Tafat).12Na Ahilud babarima Baana hwɛ Taanak ne Megido ne Bet-Sean a ɛbɛn Saretan a ɛwɔ Yesreel anafo ne nkurow a efi Bet-Sean, de kosi Abel-Mehola, tra kosi Yokmeam akyi no so.13Na Ben-Geber wɔ Ramot-Gilead, a Yair nkurow a wɔde too Manase babarima Yair a ɛwɔ Gilead ka ho, wɔ Argob mantam a ɛwɔ Basan a nkuropɔn aduosia a wɔde kɔbere apon asisi ano no ka ho.14Na Ido babarima Abinadab wɔ Mahanaim.15Na Ahimaas wɔ Naftali. Ɔno nso waree Salomo babea Basmat.16Na Husai babarima Baana wɔ Aser ne Alot.17Na Parua babarima Yehosafat wɔ Isakar.18Na Ela babarima Simei wɔ Benyamin.19Na Uri babarima Geber wɔ Gilead asase so a Amorihene Sihon ne Basanhene Og amantam ka ho. Na amrado baako pɛ na ɔhwɛ Yuda asase so.