1 Beresosɛm6twi_aka
Asɔfo Awo Ntoatoaso
1Na Lewi mmabarima yɛ: Gerson, Kohat ne Merari.2Na Kohat asefo nso yɛ: Amram, Ishar, Hebron ne Usiel.3Na Amram mma yɛ: Aaron, Mose ne Miriam. Na Aaron mmabarima yɛ: Nadab, Abihu, Eleasar ne Itamar.4Eleasar woo Pinehas. Pinehas woo Abisua.5Abisua woo Buki, na Buki woo Usi.6Usi woo Serahia. Serahia woo Meraiot.7Meraiot woo Amaria, na Amaria woo Ahitub.8Ahitub woo Sadok, na Sadok woo Ahimaas.9Ahimaas woo Asaria. Asaria woo Yohanan.10Yohanan woo Asaria a ɔno na na ɔyɛ ɔsɔfopanyin wɔ asɔredan a Salomo sii wɔ Yerusalem no mu.11Asaria woo Amaria. Amaria woo Ahitub.12Ahitub woo Sadok. Sadok woo Salum.13Salum woo Hilkia. Hilkia woo Asaria.14Asaria woo Seraia. Seraia woo Yehosadak.15Wotwaa Yehosadak asu bere a Awurade de Yudafo ne Yerusalemfo kɔɔ nnommum mu a na wɔhyɛ Nebukadnessar ase no.Lewifo Mmusua
16Na Lewi mmabarima din de Gersom, Kohat ne Merari.17Na Libni ne Simei ka Gersom asefo ho.18Na Amram, Ishar, Hebron ne Usiel ka Kohat asefo no ho.19Na Mahli ne Musi ka Merari asefo no ho.Eyinom ne Lewifo mmusua sɛnea wɔn mpanyimfo nnidiso te.20Na Gerson asefo yɛ: Libni, Yahat, Sima,21Yoa, Ido, Serah ne Yeaterai.22Na Kohat asefo ne Aminadab, Kora, Asir,23Elkana, Ebiasaf, Asir,24Tahat, Uriel, Usia ne Saulo.25Na Elkana asefo ne: Amasai, Ahimot,26Sofai, Nahat,27Eliab, Yeroham, Elkana ne Samuel.28Na Samuel mmabarima din ne: Yoel a ɔyɛ ɔpanyin ne Abiya a ɔto so abien no.29Na Merari mma ne: Mahli, Libni, Simei, Usa,30Simea, Hagia ne Asaia.
Asɔredan Mu Nnwom Ho Nimdefo
31Dawid maa saa nnipa a wɔn din didi so yi dii Awurade fi nnwom anim, bere a wɔde Apam Adaka no sii hɔ no.32Wɔde nnwom kaa wɔn som ho wɔ Ahyiae Ntamadan no mu hɔ kosii sɛ Salomo sii Awurade asɔredan no wɔ Yerusalem. Afei, wɔnam mmara a wɔde maa wɔn so dii wɔn dwuma wɔ hɔ.33Saa mmarima yi na wɔne wɔn mma som wɔ hɔ no.Heman, dwom ho nimdefo no, na ofi Kohat abusua mu. Wɔto nʼabusua ana fi Yoel, Samuel,34Elkana, Yeroham, Eliel, Yoa,35Suf, Elkana, Mahat, Amasai36Elkana, Yoel, Asaria, Sefania,37Tahat, Asir, Ebiasaf, Kora,38Ishar, Kohat, Lewi ne Israel ase.39Herman abediakyiri a odi kan no din de Asaf, a na ofi Gerson abusua mu. Wɔto Asaf abusua ana fi Berekia, Simea,40Mikael, Baaseia, Malkia,41Etni, Serah, Adaia,42Etan, Sima, Simei,43Yahat, Gersom ne Lewi ase.44Herman abediakyiri a ɔto so abien no din de Etan, a na ofi Merari abusua mu. Wɔto Etan abusua ana fi Kisi, Abdi, Maluk,45Hasabia, Amasia, Hilkia,46Amsi, Bani, Semer,47Mahli, Musi, Merari ne Lewi ase.