1 Beresosɛm5twi_aka
Ruben Asefo
1Na Israel babarima panyin ne Ruben. Nanso esiane sɛ wammu nʼagya, na ɔne nʼagya mpenanom no mu baako kɔdae no nti, ɔde nʼabakanyɛ maa ne nua Yosef mmabarima. Esiane saa asɛm yi nti, wɔamfa Ruben din anka anato no ho sɛ abakan.2Yuda asefo na wɔyɛɛ abusuakuw a wɔwɔ tumi pa ara; ne saa nti woyii ɔman no sodifo fii wɔn mu, nanso mpanyinni no de, na ɛyɛ Yosef dea.3Israel abakan Ruben no mmabarima ne:Hanok, Palu, Hesron ne Karmi.4Yoel asefo ne Semaia, Gog, Simei,5Mika, Reaia, Baal,6ne Beera. Bere a Asiriahene Tilgat-Pilneser de Rubenfo kɔɔ nnommumfa mu no, Beera na na odi Rubenfo no anim.7Wɔakyerɛw Beera nkurɔfo din sɛnea wɔn mmusua ne abusua no te: Yeiel ne wɔn ntuanoni, na Sakaria8ne Asas babarima Bela a ɔyɛ Sema babarima a ɔyɛ Yoel babarima.
Saa Rubenfo yi tenaa beae a efi Aroer de kosi Nebo ne Baal-Meon.9Esiane sɛ na wɔwɔ anantwi bebree wɔ Gilead asase so no nti, wodidi kɔɔ apuei fam wɔ nweatam a ɛtrɛw kɔ Asubɔnten Eufrate no ho.10Ɔhene Saulo bere so, Rubenfo dii Hagarfoso nkonim wɔ ɔko mu. Enti wotu kɔɔ Hagarfo atenae a ɛwɔ Gilead apuei fam hɔ no.