1 Beresosɛm3twi_aka
Dawid Asefo
1Eyinom ne mmabarima a wɔwowoo wɔn maa Dawid wɔ Hebron.Na nʼabakan din de Amnon a ne na a na ofi Yesreel no din de Ahinoam. Ne ba a ɔto so abien no, na ne din de Daniel. Na ne na a ofi Karmel no din de Abigail.2Ne ba a ɔto so abiɛsa no, na wɔfrɛ no Absalom. Na ne na din de Maaka a na ɔyɛ Gesurhene Talmai babea. Ne ba a ɔto so anan din de Adoniya a ne na din de Hagit.3Ne ba a ɔto so anum no, na wɔfrɛ no Sefatia. Na wɔfrɛ ne na Abital. Ne ba a ɔto so asia no din de Yitream a na wɔfrɛ ne na Egla.4Wɔwowoo mmabarima baasia yi nyinaa maa Dawid wɔ Hebron. Odii ade wɔ hɔ mfirihyia ason ne fa.
Dawid yii kuropɔn no kɔɔ Yerusalem, na odii ade mfirihyia aduasa abiɛsa wɔ hɔ.5Mmabarima a wɔwowoo wɔn maa Dawid wɔ Yerusalem no ne:
Simea, Sobab, Natan ne Salomo. Amiel babea Batseba na ɔwoo saa mmarima yi.6Wɔsan wowoo mmabarima baakron bi maa Dawid. Wɔne Yibhar, Elisua, Elifelet,7Noga, Nefeg, Yafia,8Elisama, Eliada ne Elifelet.9Eyinom ne Dawid mmabarima a ne mpena mma nka ho. Na Dawid wɔ ɔbabea bi a wɔfrɛ no Tamar.