1 Beresosɛm26twi_aka
Apon Ano Ahwɛfo Nnwuma
1Eyinom ne apon ano ahwɛfo no akuwakuw:Korafo mu no, yɛwɔ Kore babarima Meselemia a ofi Asaf abusua mu.2Meselemia mmabarima yɛ: Sakaria a ɔyɛ abakan, Yediael a ɔto so abien, Sebadia a ɔto so abiɛsa, Yatniel a ɔto so anan.3Elam a ɔto so anum, Yehohanan a ɔto so asia, Eliehoenai a ɔto so ason.4Na Obed-Edom mmabarima nso a wɔyɛ apon ano ahwɛfo yɛ: Semaia a ɔyɛ abakan, Yehosabad a ɔto so abien, Yoa a ɔto so abiɛsa, Sakar a ɔto so anan, Netanel a ɔto so anum,5Amiel a ɔto so asia, Isakar a ɔto so ason, ne Peuletai a ɔto so awotwe. Onyankopɔn hyiraa Obed-Edom bebree.6Na Obed-Edom babarima Semaia wɔ mmabarima a wotumi ade yɛ yiye nti, wonyaa dibea a ekura tumi wɔ abusua no mu.7Na wɔn din ne: Otni, Refael, Obed ne Elsabad; na wɔn abusuafo Elihu ne Semaia nso yɛ mmɔdemmɔfo.8Obed-Edom asefo yi nyinaa a wɔn mmabarima ne wɔn nenanom a na wɔn nyinaa dodow yɛ aduosia abien (62) no yɛ nnipa a na wɔbɔ wɔn ho mmɔden yiye na wɔn nnwuma fata wɔn.9Saa ara nso na na Meselemia mmabarima dunwɔtwe (18) no ne wɔn abusuafo nso bɔ wɔn ho mmɔden yiye.10Hosa a ofi Merari abusua mu mma ne: Simri na odi kan (na ɔnyɛ abakan de, nanso nʼagya paw no sɛ ntuanoni wɔ ne mmabarima mu).11Na ne mmabarima no bi ne: Hilkia a na ɔto so abien. Tebalia na ɔto so abiɛsa na Sakaria to so anan. Na Hosa mmabarima ne nʼabusuafo a wɔsom sɛ apon ano ahwɛfo no nyinaa dodow yɛ dumiɛnsa (13).12Saa apon ano hwɛfo akuw yi nam wɔn mmusua ntuanofo so som wɔ Awurade fi, sɛnea wɔn abusuafo yɛe no.13Wɔnam ntontobɔ kronkron so, de ɔwɛn adwuma wɔ apon ahorow ano hyɛɛ mmusua no nsa a wɔnhwɛ mfirihyia a obi adi, anaa ntetewee a wanya so.14Wɔde apuei pon ho dwumadi no hyɛɛ Meslemia ne ne kuw nsa. Atifi pon ho dwumadi nso, wɔde hyɛɛ ne babarima onyansafo Sakaria nsa.15Anafo ponno, wɔde hyɛɛ Obed-Edom nsa, na wɔmaa ne mmabarima no hwɛɛ adekoradan no so.16Wɔmaa Supim ne Hosa hwɛɛ atɔe pon no ne ɔkwan a ɛkɔ asɔredan no mu no so.
Wɔkyekyɛɛ ɔwɛn nnwuma no pɛpɛɛpɛ maa wɔn.17Da biara, na wɔma Lewifo baasia kɔ apuei pon no ho, na wɔma baanan kɔ atifi pon no ho, na baanan nso akɔ anafo pon no ho, na baanu baanu akokɔ adekoradan ahorow no mu biara ho.18Da biara, na wɔma baasia kɔ atɔe pon no ho. Baanan kɔ ɔkwan a ɛkɔ asɔredan no mu no so, na baanu nso akɔ adiwo hɔ.19Eyinom ne apon ano ahwɛfo a wofi Kora ne Merari mmusua mu no nkyekyɛmu.